Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 17:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔdan dwetɛ apem ne ɔha no maa ne na. Na ne na kaa sɛ: Oyi na mayi dwetɛ no mafi me nsam mayɛ no kronkron mama AWURADE, sɛ wɔmfa mma me ba, na wɔmfa nyɛ ohoni a wɔasen no agude; enti nso mɛdan mama wo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔdanee dwetɛ apem ne ɔha no maa ne na. Ne ne na kaa sɛ: Yie na mayi dwetɛ no afiri me nsam ayɛ no kronkron ama AWURADE, sɛ wɔmfa mma me ba, na wɔmfa nyɛ ohoni a wɔasene ne agudeɛ; enti nso mɛdane ama wo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔde nnwetɛbona kilogram du abien ne fa no maa ne na no, ne na no kae se, “Metew me nnwetɛbona yi ho ma Awurade. Mɛma wɔayɛ ohoni a wɔde dwetɛ agu. Mɛsan de ama wo.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔdanee dwetɛ apem ne ɔha no maa ne na. Ne ne na kaa sɛ: Yie na mayi dwetɛ no afiri me nsam ayɛ no kronkron ama AWURADE, sɛ wɔmfa mma me ba, na wɔmfa nyɛ ohoni a wɔasene ne agudeɛ; enti nso mɛdane ama wo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔde sika no maa no no, ne maame no kaa sɛ, “Mede saa nnwetɛbena kilogram dumienu ne fa yi ma Awurade. Mɛma wɔayɛ nsɛsodeɛ ne ohoni a wɔagu de ahyɛ me babarima animuonyam.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔdan dwetɛ apem ne ɔha no maa ne na. Na ne na kaa sɛ: Oyi na mayi dwetɛ no mafi me nsam mayɛ no kronkron mama AWURADE, sɛ wɔmfa mma me ba, na wɔmfa nyɛ ohoni a wɔasen no agude; enti nso mɛdan mama wo.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 17:3
21 Referencias Cruzadas  

Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa; nkotow wɔn, na nsom wɔn.


Monnan mo ho nnnkɔ abosonhuhuw no nkyɛn, na monnnyɛ ahoni a wɔagu sɛ anyame mmfa: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Monnyɛ me so dwetɛ anyame ne sika anyame; monnyɛ bi mmfa.


Wobetu mo afi hyiadan mu; mpo ɛbere reba a obiara a obekum mo besusuw sɛ ɔde resom Nyankopɔn.


Na wɔn nyinaa yɛ agyimifo ne nkwaseafo; ahoni kasakyerɛ! Enye mma hwee, ɛyɛ dua!


Nea okum nantwi no te sɛ nea okum nipa; nea okum guan bɔ afɔre no te sɛ nea obu ɔkraman kɔn mu; nea ɔbɔ aduan afɔre no te sɛ nea ɔde prako mogya ba; nea ɔhyew aduhuam no te sɛ nea ohyira ohoni. Wɔn de, wɔapaw wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyide;


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Bisa Onyankopɔn ɛ, na yenhu sɛ yɛn kwan a yɛnam so yi bɛyɛ siade kwan anaa?


Na Mika kaa sɛ: Afei na mahu sɛ AWURADE rebɛyɛ me yiye sɛ manya Lewini a odi me sɔfo yi.


na munnwiriw wɔn afɔremuka, na mummubu wɔn abo adum, na momfa ogya nhyew wɔn Asera nnua, na mommobɔ wɔn anyame ahoni, na monsɛe wɔn din mfi hɔ.


Nyɛ anyame a wɔagu mfa.


Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Wo dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfae a wo de, wobɔɔ ho dua na wokae nso ma metee no, hwɛ dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefae. Na ne na kaa sɛ: AWURADE mma nhyira nka me ba.


Na ɔdan dwetɛ no maa ne na bio. Na ne na faa dwetɛ ahanu de maa ogufo, na ɔde yɛɛ osenhoni ne agude, na ɛwɔ Mika fi.


Na Danfo no de ohoni a wɔasen no sii hɔ fae, na Mose ba Gersom ba Yonatan ne ne mma dii asɔfo maa Dan abusuakuw no de kosii asase no tukɔ da.


Na mubegu wo dwetɛ ahoni nnuraho ne wo sika agude nkataho no ho fi; wobɛtow agu sɛ asabutam, wobɛka akyerɛ no sɛ: Fi hɔ!


Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasen anaa agude, AWURADE akyide, odwumfo nsa ano adwuma, na ɔde besi kokoam! Na ɔman no nyinaa nnye so sɛ: Amen.


Na ɔde osen honi a ɔyɛe no sii Onyankopɔn fi a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon sɛ: Ofi yi ne Yerusalem na mafa mafi Israel mmusuakuw nyinaa mu, sɛ mede me din mesi hɔ akosi daa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios