Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 17:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Wo dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfae a wo de, wobɔɔ ho dua na wokae nso ma metee no, hwɛ dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefae. Na ne na kaa sɛ: AWURADE mma nhyira nka me ba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfaeɛ, a wo deɛ, wobɔɔ ho dua na wokaa no m’aso mu nso no, hwɛ, dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefaeɛ. Na ne na kaa sɛ: AWURADE nhyira me ba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Da koro bi, ɔka kyerɛɛ ne na se, “Metee sɛ wodomee ɔkorɔmfo a owiaa wo nnwetɛbona kilogram du abien ne fa fii wo nkyɛn no. Nnwetɛbona no wɔ me nkyɛn. Me ara na mefae.” Ne na kae se, “Awurade nhyira wo, me ba.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfaeɛ, a wo deɛ, wobɔɔ ho dua na wokaa no m’aso mu nso no, hwɛ, dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefaeɛ. Na ne na kaa sɛ: AWURADE nhyira me ba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛda koro bi, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Metee sɛ wodomee ɔkorɔmfoɔ a ɔwiaa wo nnwetɛbena kilogram dumienu firii wo nkyɛn no. Ɛyɛ, ɛnie. Me ara na mefaeɛ.” Ne maame kaa sɛ, “Awurade nhyira wo sɛ woaka nokorɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Wo dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfae a wo de, wobɔɔ ho dua na wokae nso ma metee no, hwɛ dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefae. Na ne na kaa sɛ: AWURADE mma nhyira nka me ba.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 17:2
21 Referencias Cruzadas  

Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Onyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammea moma wɔn mmammarima, na mugye wɔn mmammea moma mo mma aware anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.


Na ɔkae sɛ: AWURADE nhyira wo, me ba, woama w’akyiri adɔe ayɛ yiye sen kan de no, sɛ woanni mmerante, ahiafo oo, adefo oo, akyi.


Na nea okyia no no yɛ ne nnwuma bɔne no fafafo.


Sɛ obi mpɛ Awurade Yesu Kristo asɛm a, onnue! Maranata: (Yɛn Awurade, bra!)


Na anka mepɛ sɛ woyi me ara fi Kristo ho yɛ abusude ma me nuanom a ɔhonam fam wɔyɛ m’abusuafo,


Ɛno na ofii ase didii nsew kekaa ntam sɛ: Minnim onipa no! Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee.


Nnome nka nea ɔyɛ AWURADE adwuma ebi ne bi, na nnome nka nea osianka n’afoa fi mogya mu.


Nea ɔfow n’agya ne ne na ade na ɔka sɛ: Ɛnyɛ mmarato! No yɛ ɔdesɛefo adamfo.


Na ɔbɔnefo hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfo ka abususɛm yi AWURADE ahii.


Enti afei ma me wura ɔhene ntie n’akoa asɛm. Sɛ AWURADE na wahwanyan wo ahyɛ me a, ɛnne ma onnye aduan afɔre. Na sɛ ɛyɛ nnipa nso a, wɔadome wɔn, AWURADE anim, sɛ wɔapam me nnɛ sɛ minnnya AWURADE agyapade no bi, na wose: Kɔ na kɔsom anyame foforo.


Ɛnna Saul kae sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moahu me mmɔbɔ.


Na Samuel duu Saul nkyɛn no, Saul ka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE nhyira nka wo. Mama AWURADE asɛm no atim.


Na nkurɔfo no mu biako buae sɛ: W’agya aka dɔm no ntam sɛ: Nnome nka obiara a obedidi nnɛ; na nkurɔfo no retɔ piti.


Na ɛden Israel mmarima da no; na Saul kaa ɔman no ntam sɛ: Nnome nka obiara a obedidi ansa na onwini adwo, na minni m’atamfo so were. Enti ɔman no mu biara amfa aduan anka n’ano.


AWURADE bɔfo kae sɛ: Monnome Meros, nnome na monnome emutefo no, sɛ wɔammedi ammoa AWURADE, wɔammɛboa AWURADE antia dɔm kɛse no.


Nnome nka nea ɔyaw n’agya ne ne na! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.


Mmɔ Awurade wo Nyankopɔn din kwa, na Awurade remma nea ɔbɔ ne din kwa no ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Na ohyiraa no sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no nhyira nka Abram,


Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ofi Efraim bepɔw so a wɔfrɛ no Mika.


Na ɔdan dwetɛ apem ne ɔha no maa ne na. Na ne na kaa sɛ: Oyi na mayi dwetɛ no mafi me nsam mayɛ no kronkron mama AWURADE, sɛ wɔmfa mma me ba, na wɔmfa nyɛ ohoni a wɔasen no agude; enti nso mɛdan mama wo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios