Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 16:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔka kyerɛɛ Gasafo sɛ: Samson aba ha, na wotwaa ne ho hyiae, na wɔtɛw no anadwo no kurow no pon ano, na wɔtaree dinn anadwo no nyinaa kae sɛ: Ade kye anɔpa a, yebekum no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na wɔka kyerɛɛ Gasafoɔ no sɛ: Samson aba ha, na wɔtwaa ne ho hyiae, na wɔtɛɛ no anadwo no kuro no pono ano, na wɔtaree dinn anadwo no nyinaa kaa sɛ: Adeɛ kye anɔpa a, yɛbɛku no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ankyɛ na kurowmma no tee sɛ Samson wɔ hɔ, enti Gasa mmarima boaboaa wɔn ho ano na wɔtwɛn kurow no pon ano anadwo mu no nyinaa. Wɔyɛɛ komm anadwo no kae se, “Ade kye a yebekum no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na wɔka kyerɛɛ Gasafoɔ no sɛ: Samson aba ha, na wɔtwaa ne ho hyiae, na wɔtɛɛ no anadwo no kuro no pono ano, na wɔtaree dinn anadwo no nyinaa kaa sɛ: Adeɛ kye anɔpa a, yɛbɛku no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ankyɛre na kuro mma no tee sɛ Samson wɔ hɔ, enti Gasa mmarima boaboaa wɔn ho ano na wɔtwɛnee kuro no ɛpono ano anadwo mu no nyinaa. Wɔyɛɛ komm anadwo no kaa sɛ, “Adeɛ kye a yɛbɛkum no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔka kyerɛɛ Gasafo sɛ: Samson aba ha, na wotwaa ne ho hyiae, na wɔtɛw no anadwo no kurow no pon ano, na wɔtaree dinn anadwo no nyinaa kae sɛ: Ade kye anɔpa a, yebekum no.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 16:2
11 Referencias Cruzadas  

Nanso ahwɛsofo no huu ɔba no, wɔkekae wɔn mu sɛ: Oyi ne ɔdedifo no; mommra mma yenkum no, na n'agyapade no nyɛ yɛn de!


Na ade kyee no, asɔfo mpanyimfo no nyinaa ne ɔman mpanyimfo no tuu Yesu ho agyina sɛ wobekum no.


Na sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnne munhu sɛ ne sɛe abɛn.


Enti afei mo ne baguafo nkɔbɔ din nkyerɛ ɔsafohene no, na ɔmfa no mmrɛ mo, sɛnea morebebisa ne ho asɛm no mu yiye; na yɛn de, ansa na obedu ha no, yebekum no.


Nanso Saulo tee wɔn agyina no. Na wɔwɛn kurow no apon ano awia ne anadwo sɛ wobekum no.


Na osukɔm dee no sɛ, na osu frɛɛ AWURADE sɛ: Wo na wode ogye kɛse yi ahyɛ w’akoa nsa, na afei osukɔm rekum me, na mahwe momonotofo nsam.


Na Samson dae kosii ɔdasu mu, na ɔsɔree ɔdasu no mu, na osoo kurow no apon ne apongua abien no mu, na otuu ɛne akyiri adaban no nyinaa, na ɔde bɔɔ akɔnkɔn soa de kɔɔ bepɔw a ɛkyerɛ Hebron anim no atifi.


Ɛnna Saul somaa abɔfo kɔɔ Dawid fi sɛ wɔnkɔwɛn no na wonkum no anɔpa. Na Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woannye wo kra anadwo yi a, ɔkyena wobekum wo.


Na Saul nam bepɔw no fa ha, na Dawid ne ne nnipa nso nam bepɔw no fa ha; na Dawid repɛ ntɛm afi Saul anim akɔ no, Saul ne ne nnipa no twaa Dawid ne ne nnipa no ho hyiae sɛ wɔrekyere wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios