Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 14:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔforo bae bɛka kyerɛɛ n’agya ne ne na sɛ: Makohu ɔbea bi wɔ Timna, Filistifo mma mu, na monkɔfa no mmrɛ me nware.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔforo ba bɛka kyerɛɛ n’agya ne ne na sɛ: Makɔhunu ɔbaa bi wɔ Timna, Filistifoɔ mma mu, na monkɔfa no mmrɛ me nware.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔsan kɔɔ fie no, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne na se, “Mahu Filistini ababaa bi wɔ Timna a mepɛ sɛ meware no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔforo ba bɛka kyerɛɛ n’agya ne ne na sɛ: Makɔhunu ɔbaa bi wɔ Timna, Filistifoɔ mma mu, na monkɔfa no mmrɛ me nware.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔsane kɔɔ efie no, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne maame sɛ, “Mahunu Filistini ababaawa bi wɔ Timna a mepɛ sɛ meware no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔforo bae bɛka kyerɛɛ n’agya ne ne na sɛ: Makohu ɔbea bi wɔ Timna, Filistifo mma mu, na monkɔfa no mmrɛ me nware.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 14:2
8 Referencias Cruzadas  

Na Sekem ka kyerɛɛ n'agya Hamor sɛ: Kogye ababaa yi aware ma me.


Na ɔtenaa Paran sare so; na ne na kɔwaree yere fi Misraim asase so brɛɛ no.


Na Israel hene Yoas soma baa Yuda hene Amasia nkyɛn sɛ: Nsɔe dua a ɛwɔ Lebanon no soma kɔɔ kyeneduru a ɛwɔ Lebanon no nkyɛn sɛ: Fa wo babea ma me ba nware. Na wuram mmoa a wɔwɔ Lebanon no sen betiatiaa nsɔe dua no so.


Na Yuda waree yere bi a wɔfrɛ no Tamar maa n'abakan Er.


Na Samson sian kɔɔ Timna, na okohuu ɔbea bi wɔ hɔ a ɔyɛ Filistifo mmabea no bi.


Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: So wo nuanom mmabea ne me man nyinaa mu nni ɔbea bi, na worekɔ akɔware ɔbea Filistifo momonotofo no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani.


Monwareware yerenom, na monwowo mmabanin ne mmabea, na monwareware yerenom mma mo mma, na momfa mo mmabea mmoma okununom aware, na wɔnwowo mmabanin ne mmabea, na monnɔɔso ɛhɔnom na moansua.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios