Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 13:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, worebenyinsɛn awo babarima; na afei nnom bobesa anaa nsa bi, na nni biribi a ɛho ntew; na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum de akosi ne wuda.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima; na afei nnom bobesa anaa nsa biara, na nni biribi a ɛho nteɛ; na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum de akɔsi ne wuda.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso ɔka kyerɛɛ me se, ‘Wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima. Enti nnom bobesa anaa nsa a ano yɛ den na nni biribiara a ɛyɛ akyiwade. Na wo babarima no bɛyɛ obi a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn sɛ Nasareni fi awo mu kosi bere a obewu.’ ”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima; na afei nnom bobesa anaa nsa biara, na nni biribi a ɛho nteɛ; na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum de akɔsi ne wuda.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. Enti nnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den na nni biribiara a ɛyɛ akyiwadeɛ. Na wo babarima no bɛyɛ obi a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn sɛ Nasareni firi awoɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɔbɛwu.’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, worebenyinsɛn awo babarima; na afei nnom bobesa anaa nsa bi, na nni biribi a ɛho ntew; na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum de akosi ne wuda.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 13:7
6 Referencias Cruzadas  

Enti afei hwɛ wo ho yiye, na nnom bobesa anaa nsa bi, na nni biribi a ɛho ntew.


Kasa kyerɛ Israelfo no, Sɛ ɔbarima anaa ɔbea bi de ne ho kɔhyɛ ahotuafo mu hyɛ bɔ sɛ obetua ne ho ade de ne ho ama AWURADE a,


Ɛnna ɔbea no bae bɛka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Onyankopɔn nipa bi aba me nkyɛn, na n’anim yɛ hu pa ara sɛ Onyankopɔn bɔfo anim, na mammisa no nea ofi, na ɔno nso ankyerɛ me ne din.


Na Manoa yii AWURADE mpae sɛ: O, AWURADE, ma Onyankopɔn nipa a wosomaa no no mmra yɛn nkyɛn bio, na ɔmmɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ abofra a wɔrebɛwo no no.


Na wose: Yɛnnom nsa. Na yɛn agya Rekab ba Yonadab ahyɛ yɛn sɛ: Monnnom nsa, mo ne mo mma nnnom bi da biara da.


Na memomaa mo mma binom so misisii adiyifo, ne mo mmerante binom meyeyɛɛ ahotuafo. So ɛnte sa, Israelfo? AWURADE asɛm ni.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios