Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 13:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na hwɛ, worebenyinsɛn awo babarima a oyiwan renka ne ti, na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum, na ɔno na obefi ase agye Israel afi Filistifo nsam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima a yiwan renka ne tire, na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum na ɔno na ɔbɛfiri aseɛ agye Israel afiri Filistifoɔ nsam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan renka ne ti, efisɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn fi awo mu. Obegye Israel afi Filistifo nsam.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima a yiwan renka ne tire, na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum na ɔno na ɔbɛfiri aseɛ agye Israel afiri Filistifoɔ nsam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan nka ne tire, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn firi awoɔ mu. Ɔbɛgye Israel afiri Filistifoɔ nsam.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na hwɛ, worebenyinsɛn awo babarima a oyiwan renka ne ti, na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum, na ɔno na obefi ase agye Israel afi Filistifo nsam.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 13:5
9 Referencias Cruzadas  

Na eyi akyi no, Dawid toaa Filistifo no na ɔbrɛɛ wɔn ase na Dawid gyee Meteg-amma ahenkurow no sodi fii Filistifo nsam.


Na eyi akyi no, Dawid kunkum Filistifo, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ogyee Gat ne ɛho nkurowa Filistifo nsam.


Na memomaa mo mma binom so misisii adiyifo, ne mo mmerante binom meyeyɛɛ ahotuafo. So ɛnte sa, Israelfo? AWURADE asɛm ni.


N'ahotua bɔhyɛnna nyinaa mu no oyiwan bi nnka ne ti; ɔnyɛ kronkron nkosi sɛ nna a otuaa ne ho maa AWURADE no bewie du; onsiw atimum.


Efisɛ ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afi ne na yam po.


ɛnna oyii ne koma mu nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Oyiwan nkaa me ti da, efisɛ Onyankopɔn hotuafo ne me fi me na yam; sɛ woyi me ti a, na m’ahoɔden befi me ho, na magurow mayɛ sɛ onipa biara.


Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnne mede no mɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan bi renka ne ti.


Na wɔbrɛɛ Filistifo no ase, na wɔankɔ so amma Israelfo hye so bio; na AWURADE nsa daa Filistifo so, Samuel nna nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios