Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 12:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na Gilead faa Yordan atwae twaree Efraim; na sɛ Efraim aguanfo no mu bi ka sɛ: Ma mintwa, a, ɛnne Gilead mmarima no bisaa no sɛ: Woyɛ Efraimni anaa? Na ose: Dabi,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na Gilead faa Yordan atwaeɛ twaree Efraim; na sɛ Efraim adwanefoɔ no mu bi ka sɛ: Ma mentwa a, ɛnneɛ Gilead mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Woyɛ Efraimni anaa? Na ɔse: Dabi a,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yefta ko faa Yordan aworoe so. Bere biara a oguanfo bi a ofi Efraim pɛ sɛ ɔfa hɔ guan kɔ nʼakyi no, Gileadfo no bisa no se, “Wufi Efraim abusua mu ana?” Sɛ ɔbarima no bua se, “Dabi” a,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Gilead faa Yordan atwaeɛ twaree Efraim; na sɛ Efraim adwanefoɔ no mu bi ka sɛ: Ma mentwa a, ɛnneɛ Gilead mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Woyɛ Efraimni anaa? Na ɔse: Dabi a,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yefta ko faa Yordan aworɔso. Ɛberɛ biara a odwanefoɔ bi a ɔfiri Efraim pɛ sɛ ɔfa hɔ dwane kɔ nʼakyi no, Gileadfoɔ no bisa no sɛ, “Wofiri Efraim abusua mu anaa?” Sɛ ɔbarima no bua sɛ, “Dabi” a,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na Gilead faa Yordan atwae twaree Efraim; na sɛ Efraim aguanfo no mu bi ka sɛ: Ma mintwa, a, ɛnne Gilead mmarima no bisaa no sɛ: Woyɛ Efraimni anaa? Na ose: Dabi,

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 12:5
9 Referencias Cruzadas  

na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Muntu mmirika nni m’akyi, efisɛ AWURADE de mo atamfo Moabfo no ahyɛ mo nsa. Na wosian dii n’akyi, na wɔkɔfaa Yordan atwaree a wɔde kɔ Moab no, na wɔamma obiara antwa.


Na Israelfo no tee sɛ wɔka sɛ: Hwɛ, Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no asi afɔremuka wɔ Kanaan asase no anim, Yordan ho asase no so, ɔfa a ɛyɛ Israelfo de no so.


Na Gideon somaa abɔfo kɔɔ Efraim bepɔw nyinaa so kɔkae sɛ: Munsian nkohyia Midian, na munnye wɔn nsam nsu ano akwan nkodu Bet-bara ne Yordan ano. Na Efraim mmarima nyinaa behyiae, na wobegyee nsu ano akwan no de kosii Bet-bara ne Yordan ano.


Na mmarima no tiw wɔn faa Yordan kwan so de kɔɔ atwae; na wɔn a wotiw wɔn no fii adi ara pɛ, na wɔtoo kurow pon no mu.


Na Yefta boaa Gilead mmarima nyinaa ano na ɔne Efraim koe; na Gilead mmarima no kum Efraim, efisɛ wose: Mo Gileadfo aguanfo, mowɔ Efraim mu, ne Manase mu.


wɔka kyerɛ no sɛ: Ɛnne ka sɛ: Shibolet, na sɛ ɔka sɛ: Sibolet, efisɛ ontumi nka no yiye a, na wɔakyere no akum no Yordan atwae hɔ. Na saa bere no Efraimfo ɔpeduanan abien na ɛtotɔe.


Na aberante bi wɔ hɔ a ofi Betlehem Yuda, Yuda abusua bi mu; na ɔyɛ Lewini, na ɔkɔsoɛɛ hɔ hɔho.


Na Efraimni barima bi wɔ hɔ a ofi Ramataim a ɛwɔ Efraim bepɔw no so a ne din de Elkana. Ɔyɛ Yeroham ba, na ne nana ne Elihu. Elihu nso yɛ Tohu ba na ne nana ne Suf.


Na Nebat ba Yeroboam, Efraimni a ofi Sereda, a ɔyɛ Solomon akoa, na ne na din de Serua, ɔbea kunafo bi, nso tew ɔhene so atua.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios