Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 12:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Efraim mmarima hyiae, na wotwaam kɔɔ Safon, na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Ɛdɛn nti na wutwaam kɔe ne Amonfo kɔkoe, na yɛn de, woamfrɛ yɛn na yɛne wo ankɔ? Yɛde ogya bɛhyew wo fi agu wo so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Efraim mmarima hyiae, na wɔtwa kɔɔ Safon, na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Adɛn nti na wotwaa mu kɔeɛ ne Amonfoɔ kɔkoeɛ, na yɛn deɛ, woamfrɛ yɛn na yɛne wo ankorɔ? Yɛde gya bɛhye wo fie agu wo so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Efraim abusuakuw no boaboaa asraafo ano twa kɔɔ Safon. Wɔde nkra yi kɔmaa Yefta: “Adɛn nti na woansoma ammɛka ankyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛboa mo nko ntia Amonfo? Yɛrebɛhyew wo ne wo fi nyinaa pasaa!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Efraim mmarima hyiae, na wɔtwa kɔɔ Safon, na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Adɛn nti na wotwaa mu kɔeɛ ne Amonfoɔ kɔkoeɛ, na yɛn deɛ, woamfrɛ yɛn na yɛne wo ankorɔ? Yɛde gya bɛhye wo fie agu wo so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Efraim abusuakuo no boaboaa akodɔm ano twa kɔɔ Safon. Wɔde nkra yi kɔmaa Yefta: “Adɛn enti na woansoma ammɛka ankyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛboa mo nko ntia Amonfoɔ? Yɛrebɛhye wo ne wo fie nyinaa pasaa!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Efraim mmarima hyiae, na wotwaam kɔɔ Safon, na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Ɛdɛn nti na wutwaam kɔe ne Amonfo kɔkoe, na yɛn de, woamfrɛ yɛn na yɛne wo ankɔ? Yɛde ogya bɛhyew wo fi agu wo so.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 12:1
14 Referencias Cruzadas  

Wɔtan me de hyɛ me dɔ ananmu, na me de, mpae ara na mebɔ.


Na mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.


Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti, odii so, na owui.


Na sɛ ahenni bi ne ne ho di asi a, ahenni no ntumi nnyina.


Yesu buaa wɔn sɛ: Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a efi Agya no nkyɛn; emu nea ɛwɔ he nti na morebesiw me abo yi?


Na nea nitan ne atutuw wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne nneyɛe bɔne nyinaa wɔ.


Daa afirihyia Israel mmabea de su kɔkae Gileadni Yefta babea no afe mu no nnanan.


Na Yefta ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me ne me man nyinaa ne Amonfo nyaa manso kɛse; na meteɛɛm mefrɛɛ mo no, moannye me amfi wɔn nsam;


Na da a ɛto so ason no, wɔka kyerɛɛ Samson yere no sɛ: Daadaa wo kunu na ɔnkyerɛ yɛn aborɔme no ase, na yɛamfa ogya anhyew wo ne w’agya fi! So yɛn fow nti na mubehyiaa yɛn?


Ɛnna Filistifo no kae sɛ: Hena po na ɔyɛɛ eyi? Na wose: Timnani no ase Samson, sɛ ɔde ne yere ama ne yɔnko ntia. Ɛnna Filistifo no siim kɔe de ogya kɔhyew Timnani no ne n’agya fi.


Na Efraim mmarima ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo ne yɛn adi saa asɛm yi sɛ wo ne Midian rekɔko no, woamfrɛ yɛn? Na wɔne no hamee dennen pa ara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios