Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 10:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfo anyame ne Filistifo anyame, na wogyaw AWURADE hɔ na wɔansom no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfoɔ anyame ne Filistifoɔ anyame, na wɔgyaa AWURADE hɔ na wɔansom no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Bio, Israelfo yɛɛ Awurade ani so bɔne. Wɔsom Baal ne Astoret ahoni ne Aram, Sidon, Moab, Amon ne Filisti anyame. Wɔtwee wɔn ho fii Awurade ho a wɔansom no koraa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfoɔ anyame ne Filistifoɔ anyame, na wɔgyaa AWURADE hɔ na wɔansom no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Bio, Israelfoɔ yɛɛ Awurade ani so bɔne. Wɔsomm Baal ne Astoret ahoni ne Aram, Sidon, Moab, Amon ne Filistia anyame. Wɔtwee wɔn ho firii Awurade ho a wɔansom no koraa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfo anyame ne Filistifo anyame, na wogyaw AWURADE hɔ na wɔansom no.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 10:6
32 Referencias Cruzadas  

esiane sɛ wagyaw me na wakɔsɔre Sidonfo nyamewa Astoret ne Moabfo nyame Kemos ne Amonfo nyame Milkom, na wannantew m’akwan mu sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ m’ani so ne m’ahyɛde ne m’atemmude sɛ n’agya Dawid.


Na Solomon kodii Sidonfo nyamewa Astoret ne Amonfo Milkom a ɛyɛ akyide no akyi.


Ɛno mu na Solomon sii sorɔnsorɔmmea maa Moabfo Kemos a ɛyɛ akyide bepɔw a ɛwɔ Yerusalem apuei no so, ne Amonfo Molek a ɛyɛ akyide;


Na wammu no hwee sɛ ɔbɛnantew Nebat ba Yeroboam bɔne mu, na ɔkɔfaa Sidonfo hene Etbaal babea Yesebel waree, na ɔkɔe kɔsom Baal na ɔsɔree no.


Na wogyaw AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa, na wɔyɛɛ ahoni a wɔagu, nantwi mma abien, na wɔyɛɛ Asera nnua, na wɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa, na wɔsom Baal.


Na sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Yerusalem anim a ɛwɔ ɔsɛe bepɔw nifa so a Israel hene Solomon si maa Sidonfo Astoret a ɛyɛ akyide, ne Moabfo Kemos a ɛyɛ akyide, ne Amonfo Milkom a ɛyɛ atantanne no, ɔhene guu ho fi.


na ɔbɔɔ afɔre maa Damasko anyame a wɔkaa no gui no, na ɔkae sɛ: Siria ahene no anyame na wɔboa wɔn nti, wɔn na mɛbɔ wɔn afɔre na wɔaboa me. Nso wɔn na wɔyeyɛɛ ɔno ne Israel nyinaa hintidua.


Na wɔsom wɔn ahoni, na ɛdan wɔn afiri.


Sidon, ma w’ani nwu; na ɛpo, po mu abankɛse, ka sɛ: Mankyem na manwo mma da, na manyɛn mmerante na manturu mmabaa.


Na bɔne abien na me man ayɛ, wɔagyaw me a meyɛ nkwa nsuti no sɛ wɔkɔbɔre mmura a apaepae a entumi nnyina nsu.


Na wufi teteete na wububuu wo kɔndua tetew wo nkyehama mu, na wokae sɛ: Merensom. Efisɛ nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase na woda bɔ aguaman.


na wɔbae bedii so no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; nea wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi.


Siria ne wo di gua, w’ade a woyɛe no dodow nti; nsramma bo, ntama a ɛberedum ne nkyeremu ne nwera pa ne nnɛnkyerema na wɔde bɛsesa wo hɔ ade;


Sɛ wo nuammarima, wo na ba anaa wo babarima anaa wo babea anaa wo yere a ɔda wo kokom anaa w’adamfo a ɔte sɛ w’ankasa wo kra redaadaa wo kokoam sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforo a wo ne w’agyanom nnim wɔn,


mpene no na ntie no, na mma w’aniwa nnhu no mmɔbɔ, nanso nkyɛe no so na nhintaw no so,


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo ne w’agyanom rekɔda, na ɔman yi bɛsɔre akodi asase a wɔrekɔ so hɔ no anananyame akyi aguamammɔ mu, na wɔagyaw me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pamee no.


Na me bo befuw wɔn da no, na magyaw wɔn, na mayi m’ani mahintaw wɔn, na wɔamene wɔn, na bɔne pii ne ahohia horow bɛto wɔn ama wɔaka da no sɛ: So ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a onni yɛn mu nti na bɔne yi abɛto yɛn yi anaa?


Na Yesurun dɔɔ srade, na ɔtow anankoti; woadɔ srade ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na ogyaw Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na obuu ne nkwagye botan no abomfiaa.


ne Gilead fa ne Astarot ne Edrei, Og ahenni nkurow a ɛwɔ Basan no. Wɔde maa Manase ba Makir mma, sɛ ɛnyɛ Makir mma fa no dea, sɛ wɔn mmusua te.


Na Yair wui, na wosiee no Kamon.


So ɛnyɛ nea wo nyame Kemos de maa wo sɛ di so na wobɛfa adi so anaa? Na ade biara a AWURADE yɛn Nyankopɔn agye ama yɛn sɛ yenni so no, ɛno na yɛbɛfa adi so.


Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifo nsa mfirihyia aduanan.


Na Filistifo asafohene no hyiae sɛ wɔbɛbɔ afɔre kɛse ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wose: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa.


Na Israelfo yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ fii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.


Ehud wu akyi no Israelfo no kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.


Na Israelfo yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfe asɔn.


Na Gideon wui no, Israelfo san kodii Baalim akyi aguamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame.


Na Filistifo no de Onyankopɔn adaka no kɔɔ Dagon fi, na wɔde kosii Dagon nkyɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios