Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 1:34 - KYERƐW KRONKRON

34 Amorifo no kaa Danfo no kɔɔ bepɔw no so, na wɔamma wɔansian ansi asase tamaa no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

34 Na Amorifoɔ no kaa Danfoɔ no kɔɔ bepɔ no so, na wɔamma wɔansiane ansi mmɔnseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Dan abusuakuw no de, Amorifo hyɛɛ wɔn ma wotu kɔɔ bepɔw nsase no so na wɔamma wɔn amma tataw so hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

34 Na Amorifoɔ no kaa Danfoɔ no kɔɔ bepɔ no so, na wɔamma wɔansiane ansi mmɔnseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Dan abusuakuo no deɛ, Amorifoɔ hyɛɛ wɔn maa wɔtu kɔɔ bepɔ nsase no so na wɔamma wɔn amma tata so hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

34 Amorifo no kaa Danfo no kɔɔ bepɔw no so, na wɔamma wɔansian ansi asase tamaa no so.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 1:34
4 Referencias Cruzadas  

Na Danfo fii hɔ konyaa ɔhye foforo bi, na Danfo no foro kɔe ne Lesem kɔkoe, na wɔfae, na wɔde nkrante sɛee no, na wodii so, na wɔtenaa hɔ, na wɔfrɛɛ Lesem sɛ Dan, sɛ wɔn agya Dan din te.


Nna no mu no, na ɔhene bi nni Israel; bere koro no ara mu nso na Danfo abusuakuw no rehwehwɛ agyapade atena so, efisɛ ɛde besi saa bere no, na agyapade bi nnya mmɛtɔɔ wɔn fam Israel mmusuakuw no mu.


Naftali antu Bet-semesfo ne Bet-anatfo, na wɔtenaa Kanaanfo a wɔte asase no so no mu. Na Bet-semesfo ne Bet-anatfo na wɔhyɛɛ wɔn yɛɛ ɔsom adwuma.


Na Amorifo no tumi tenaa Heres bepɔw so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef fi nsa yɛɛ wɔn so den, na wɔhyɛɛ wɔn yɛɛ ɔsom adwuma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios