Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 1:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Nanso Yebusifo a wɔte Yerusalem no de, Benyaminfo no antu wɔn, na Yebusifo no ne Benyaminfo no tenaa Yerusalem beduu nnɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Benyaminfoɔ no antu wɔn, na Yebusifoɔ no ne Benyaminfoɔ no atena Yerusalem de bɛduru nnɛ ara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Benyamin abusuakuw no antumi ampam Yebusifo a na wɔte Yerusalem no. Enti ebesi nnɛ yi, Yebusifo ne Benyamin nkurɔfo da so te Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Benyaminfoɔ no antu wɔn, na Yebusifoɔ no ne Benyaminfoɔ no atena Yerusalem de bɛduru nnɛ ara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Benyamin abusuakuo no antumi ampam Yebusifoɔ a na wɔte Yerusalem no. Enti, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Yebusifoɔ ne Benyamin nkurɔfoɔ da so te Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Nanso Yebusifo a wɔte Yerusalem no de, Benyaminfo no antu wɔn, na Yebusifo no ne Benyaminfo no tenaa Yerusalem beduu nnɛ.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 1:21
13 Referencias Cruzadas  

Na Yebusifo a wɔte Yerusalem no de, Yudafo no antumi antu wɔn, na Yebusifo no ne Yudafo no tenaa Yerusalem de abesi nnɛ.


Na Yuda mma no ne Yerusalem bɛkoe, na wɔfae, na wɔde nkrante kunkum wɔn, na wɔtoo kurow no mu gya.


Na Yosef fi nso foro kɔɔ Betel, na Awurade dii wɔn akyi.


wɔn a Israel antumi ansɛe wɔn no mma a wɔkaa wɔn akyi, asase no so no, Solomon yii wɔn gyee wɔn adwumayɛ tow de bedu nnɛ ara.


Na Dawid ne Israel nyinaa siim kɔɔ Yerusalem, ɛne Yebus, efisɛ ɛhɔ na Yebusifo a wɔyɛ asase no sofo no te.


Wɔankunkum aman a AWURADE kaa wɔn ho asɛm no,


Na Manase antu Bet-sean ne ɛho nkuraa ne Taanak ne ɛho nkuraa ne Dor ne ɛho nkuraa ne Yibleam ne ɛho nkuraa ne Megido ne ɛho nkuraa mufo. Ɛno nti Kanaanfo no tumi tenaa asase yi so.


ne Yebusi ne Amori ne Girgasini,


Eyinom ne agyanom atitiriw, wɔn awo ntoatoaso so atitiriw. Eyinom tenaa Yerusalem.


wɔn mma a wɔkaa wɔn akyi asase no so a Israel mma annwɛre wɔn no de, Solomon gyee wɔn adwumayɛ tow de besi nnɛ da yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios