Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 1:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Na Awurade dii Yuda akyi, na odii bepɔw no so; na mmɔnsefo no de, wɔannya wɔn atuye, efisɛ wɔwɔ dade nteaseɛnam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na AWURADE dii Yuda akyi na ɔdii bepɔ no so; na mmɔnsefoɔ no deɛ, wɔannya wɔn atuyɛ, ɛfiri sɛ na wɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Na Awurade ka Yuda nkurɔfo ho nti, ɛmaa wɔfaa bepɔw nsase no. Nanso wɔantumi ampam nnipa a wɔte tataw so no amfi hɔ, efisɛ na wɔwɔ nnade nteaseɛnam.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Na AWURADE dii Yuda akyi na ɔdii bepɔ no so; na mmɔnsefoɔ no deɛ, wɔannya wɔn atuyɛ, ɛfiri sɛ na wɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Na Awurade ka Yuda nkurɔfoɔ ho enti, ɛmaa wɔfaa bepɔ nsase no. Nanso, wɔantumi ampam nnipa a wɔte tata so no amfiri hɔ, ɛfiri sɛ, na wɔwɔ nnadeɛ nteaseɛnam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na Awurade dii Yuda akyi, na odii bepɔw no so; na mmɔnsefo no de, wɔannya wɔn atuye, efisɛ wɔwɔ dade nteaseɛnam.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 1:19
34 Referencias Cruzadas  

Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, nso mɛboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.


Yɛde Nyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninne, na ɔno na obetiatia yɛn ahohiafo so.


Na Awurade buaa sɛ: Yuda nni kan, hwɛ, mede asase no mahyɛ ne nsa.


mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.


Na afei yebese eyinom ho dɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi?


Hwɛ, ababaa no benyinsɛn, na wawo babanin, na wɔato ne din Imanuel (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ).


Muntu agyina na ɛbɛyɛ ɔkwa, monka asɛm na ɛrennyina, na Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.


Enti Awurade ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa no benyinsɛn awo babanin, na wato no din Imanuel ase ne: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.


Mesan mihui owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam, na ɛbere ne mpofirim ade to wɔn nyinaa.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛse. Sela


Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛse. Sela


Na AWURADE dii n’akyi; baabiara a ofi kɔ no, onya siade; na ɔtew Asaria hene so atua, na wansom no.


Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛse ara na AWURADE, asafo Nyankopɔn, dii n’akyi.


Na afei fa bepɔw yi a AWURADE kaa ho asɛm da no ma me, efisɛ da no ara, wotee sɛ Anakfo ne nkurow akɛse a wɔatoto ho afasu wɔ hɔ; ebia AWURADE bedi m’akyi na matu wɔn, sɛnea AWURADE kae no.


Na Israelfo rentumi nnyina wɔn atamfo anim, wɔn akyi na wɔbɛdan akyerɛ wɔn atamfo, efisɛ wɔayɛ ahyirade; merenkɔ so minni mo akyi, gye sɛ muyi ahyirade no hɔ fi mo mu.


Ɛno menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.


Obi biara rennyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi; merempa wo na merennyaw wo.


Na AWURADE dii Yosef akyi, na ɔdom no, na ɔmaa n'anim baa nyam wɔ afiasehwɛfo no anim.


AWURADE dii Yosef akyi, na ɔyɛɛ ɔbarima a ne ho wɔ siade, na ɔtenaa ne wura Misraimni no fi.


Na AWURADE dii Yosua akyi, na wɔtee ne nka asase no nyinaa so.


Na Israelfo su frɛɛ AWURADE, efisɛ ɔwɔ dade nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfo so dennen mfe aduonu.


Na Sisera ma wɔkɔpae hyiaa ne nteaseɛnam a ɛyɛ dade nteaseɛnam ahankron no nyinaa ne ɔman a wɔka ne ho nyinaa de fi Haroset-hagoyim baa Kison nsunoa.


Na Dawid fi adi kɔ baabiara a Saul soma no, na ne biribiara kɔ so; na Saul de no sii akofofo so, na ɔsɔɔ ɔman no nyinaa ne Saul nkoa nso ani.


Na Saul suroo Dawid, efisɛ AWURADE di n’akyi, na Saul de, wafi ne nkyɛn.


Na Dawid kɔɔ so n’akwan nyinaa mu, na AWURADE dii n’akyi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios