Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 8:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na ɔbarima bi a ɔde Simon wɔ kurow no mu a kan no oyi nkonyaa, na ɔyɛ ne ho sɛ obi a ɔyɛ kɛse ma Samaria man no ho dwiriw wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na ɔbarima bi a ɔde Simon wɔ kuro no mu a akane no na ɔyi nkonyaa, na ɔyɛ ne ho sɛ obi a ɔyɛ kɛseɛ maa Samariafoɔ no ho dwirii wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na ɔbarima bi te saa kurow yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifo a esiane ne nkonyaayi no nti Samariafo pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho sɛ odi mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɔbarima bi a ɔde Simon wɔ kuro no mu a akane no na ɔyi nkonyaa, na ɔyɛ ne ho sɛ obi a ɔyɛ kɛseɛ maa Samariafoɔ no ho dwirii wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na ɔbarima bi te saa kuro yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifoɔ a ɛsiane ne nkonyaayie no enti, na Samariafoɔ pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho sɛ ɔdi mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na ɔbarima bi a ɔde Simon wɔ kurow no mu a kan no oyi nkonyaa, na ɔyɛ ne ho sɛ obi a ɔyɛ kɛse ma Samaria man no ho dwiriw wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 8:9
20 Referencias Cruzadas  

Na wotwaam supɔw no so koduu Pafo no, wohuu osumantuni atoro diyifo bi a ɔyɛ Yudani a ne din de Bar-Yesu.


Na ɛnkyɛe na Teuda a ɔyɛɛ ne ho sɛ obi sɔree, na mmarima a wɔn ano bɛyɛ sɛ ahanan de wɔn ho bɔɔ ne ho; ɔno na wokum no, na wɔn a wotiee no nyinaa hwetee, na wɔyɛɛ ɔkwa.


Nea ɔbɔ n’ankasa ne tirim kasa no hwehwɛ n’ankasa anuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no no anuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafo, na nea ɛnteɛ nni no mu.


Na obiara a ɔdan ne ho kɔ adebisafo anaa asumanfo nkyɛn kodi wɔn akyi aguamammɔ kwan so no, mɛma m'ani asa saa onipa no, na metwa no afi me man mu akyene.


Na wotiee no, efisɛ ɔde nkonyaayi no maa wɔn ho dwiriw wɔn akyɛ.


Na Misraim akɔmfo de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara. Na Farao koma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no.


Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafo ne ntafowayifo bae. Na wɔn Misraim akɔmfo no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara.


Na kurow no akyi na akraman ne adutofo ne nguamammɔfo ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi nyinaa wɔ.


Na wɔkeka ahupoosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a woguan fii wɔn a wɔbɔ nnaadaa mu bra no mu nkyɛe.


wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!


Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn,


Nea ɔsɔre na ɔma ne ho so tia nea wɔfrɛ no Nyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Onyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔne Nyankopɔn.


Na mpobia no nti akɔmfo no antumi annyina Mose anim, efisɛ mpobia no asisi akɔmfo no ne Misraimfo nyinaa.


Na osumantuni Elima no (nso sɛnea ne din nkyerɛase te ara ne no) siw wɔn kwan, na ɔhwehwɛe sɛ ɔdan amrado no fi gyidi no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios