Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 8:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Nso nnipa nyamesurofo bi siee Stefano, na wosuu no pii.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Nso nnipa nyamesurofoɔ bi siee Stefano, na wɔsuu no pii.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Onyamesurofo bi kɔfaa Stefano kosiee no. Wosuu no yiye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Nso nnipa nyamesurofoɔ bi siee Stefano, na wɔsuu no pii.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nyamesurofoɔ bi kɔfaa Stefano kɔsiee no. Wɔsuu no yie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Nso nnipa nyamesurofo bi siee Stefano, na wosuu no pii.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 8:2
19 Referencias Cruzadas  

Na Sara wui wɔ Kiriat-arba, ɛne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no. Na Abraham bae begyam Sara, na osuu no.


Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ne no kɔe; na ɛyɛ dɔm kɛse.


Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: Munsunsuane mo ntade mu na mumfurafura atweatam na muntwa adwo mma Abner. Na ɔhene Dawid dii funnaka no akyi.


Na Hesekia wui, na wosiee no, agyanom nkyɛn, Dawid mma asiei nea ɛkorɔn hɔ, na Yuda ne Yerusalemfo nyinaa dii no ni wɔ ne wu mu. Na ne ba Manase bedii n’ade.


Na Yeremia twaa Yosia ho kwadwom, na nnwontofo mmarima ne mmea nyinaa bɔɔ Yosia din wɔ mu de besi nnɛ, na wɔde yɛɛ ahyɛde Israel mu, na hwɛ, wɔakyerɛw kwadwom no mu.


Munnsu owufo na munnnyam no. Osu mmom na munsu nea ɔrekɔ no, na ɔrensan mma bio mmehu n’awo asase.


Ɛno nti sɛ AWURADE ka Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba no ho ni: Wɔrennyam no sɛ: Due, me nuabanin! Ne: Due, onuabea! Wɔrennyam no sɛ: Due, owura! Ne: Due, onuonyamfo!


Na asafo no nyinaa hui sɛ Aaron awu no, na Israel fi nyinaa suu no adaduasa.


Na n’asuafo tee no, wɔbɛfaa n’amu no, na wɔde kɔtoo ɔboda bi mu.


Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi teɛ, osuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekye no, na Honhom Kronkron wɔ no so.


Ɔyɛ nyamesuroni, ɔne ne fifo nyinaa, na ɔyɛ mmɔborohunu ade bebree ma nkurɔfo no, na ɔbɔ Onyankopɔn mpae daa.


Na Yudafo bi a wɔyɛ nnipa nyamesurofo a wofi wiase aman nyinaa mu te Yerusalem.


Na Saulo nso penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛse baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsaase so, gye asomafo no nko.


Na Saulo de, ɔhaw asafo no hyɛnhyɛn afi mu kɔtwee mmarima ne mmea ma wɔde wɔn koguu afiase.


Na Israelfo suu Mose, Moab tataw mu adaduasa, na wodii Mose su ne ne gyam nna no wiei.


Nso na Samuel awu, na Israel nyinaa agyam no asie no Rama, n’ankasa ne kurom. Na Saul atu asamanfrɛfo ne asumanfo nyinaa afi asase no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios