Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 8:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Saulo nso penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛse baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsaase so, gye asomafo no nko.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Saulo nso, penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛseɛ baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so, gye asomafoɔ no nko.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saulo penee kum a wokum Stefano no so. Saa da no ara, wɔtaa agyidifo a wɔwɔ Yerusalem no maa wɔn nyinaa bɔɔ ahwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so ma ɛkaa asomafo no nko ara.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Saulo nso, penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛseɛ baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so, gye asomafoɔ no nko.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Saulo penee kum a wɔkum Stefano no so. Saa ɛda no ara, wɔtaa agyidifoɔ a wɔwɔ Yerusalem no maa wɔn nyinaa bɔ hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so maa ɛkaa asomafoɔ no nko ara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Saulo nso penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛse baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsaase so, gye asomafo no nko.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 8:1
35 Referencias Cruzadas  

Na mesomaa ɔbɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Adwuma kɛse na mereyɛ yi, na mintumi minsian memma. Ɛdɛn nti na adwuma no nna hɔ na minnyaw no hɔ nsian mmra mo nkyɛn?


Na Daniel tee sɛ wɔakurukyerɛw kyerɛw no, ɔkɔɔ ne fi, nso n’abansoro dan mu mfɛnsere a ɛkyerɛ Yerusalem abuebue, na ɔkotow ne nankoroma anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔ mpae da ase, ne Nyankopɔn anim sɛ ɔyɛ kan no ara.


Ɛno na ɔhene bo tɔɔ ne yam kɛse, na ɔkae sɛ wonyi Daniel mfi amoa no mu. Na wɔanhu sewa biara a etii no, efisɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so.


Na wɔn a aka no kyekyeree ne nkoa no bɔɔ wɔn adapaa kunkum wɔn.


Hwɛ, eyi nti na meresoma adiyifo ne anyansafo ne Kyerɛwfo aba mo nkyɛn, na mubekum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛnnua mu na moaka wɔn mu binom mpire mo hyiadan mu, na moataa wɔn afi kurow mu akɔ kurow mu;


Mone asase so nkyene. Na sɛ nkyene dɛw yera a, dɛn na wɔde bɛhyɛ no nkyene? Enye mma hwee bio, gye sɛ wohwie gu, na nnipa tiatia so.


Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wobedi mo de so bi.


Wobetu mo afi hyiadan mu; mpo ɛbere reba a obiara a obekum mo besusuw sɛ ɔde resom Nyankopɔn.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano noho.


Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifo ne akyerɛkyerɛfo bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetew no ne ɔmansinhene Herode bom, ne Saulo.


Na Dawid de, ɔsomee n’ankasa ne bere so sɛnea Onyankopɔn pɛ wiei no, ɔdae, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ohuu porɔw;


na woyii Nyankopɔn ayɛ, na wɔwɔ anuonyam ɔman no nyinaa anim. Na Awurade de wɔn a wɔregye wɔn nkwa kaa asafo no ho daa.


Na wɔrehwie wo dansefo Stefano mogya agu no, na me nso migyina ho, na mepene so, na mehwɛɛ wɔn a wokum no no ntade so.


ɛno nso na meyɛe Yerusalem, na minyaa asɔfo mpanyin nkyɛn tumi no, mede ahotefo bebree miguu afiase. Na wokum wɔn a, mede m’ano meto mu bi.


wɔtow hyɛɛ asomafo no so de wɔn koguu kwasafo afiase.


Monkɔ nkogyina asɔrefi nka nkwa yi nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔman no.


Na wɔtee no, etwiw wɔn na wotuu agyina sɛ wobekum wɔn.


Na wotiee no, na wɔfrɛɛ asomafo no bae, na wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu, na wogyaa wɔn.


Oyi ne nea ɔne ɔbɔfo no wɔ asafo no mu sare so hɔ a ɔbɔfo no ne no ne yɛn agyanom kasae Sinai bepɔw so, na ogyee nkwa nsɛm no de brɛɛ yɛn no.


Na wɔtee eyinom no, wɔn ani beree, na wɔtwɛree wɔn se guu no so.


na wosunsum no fii kurow no mu kosiw no abo. Na adansefo no de wɔn ntama guguu aberante bi a wɔfrɛ no Saulo anan ase.


Na asomafo a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafo agye Onyankopɔn asɛm no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn.


Nso nnipa nyamesurofo bi siee Stefano, na wosuu no pii.


Ɛnna wɔn a wɔhwetee no kyinkyin kɔkaa asɛmpa no.


Na Filipo kɔɔ Samaria kurow bi mu kɔkaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ wɔn.


Ɛnna asafo no nyaa asomdwoe Yudea, Galilea ne Samaria nyinaa, na wonyin kɔɔ so; na wɔnam Awurade suro ne Honhom Kronkron awerɛkyekye mu dɔe.


Na wonim Nyankopɔn ahyɛde yiye sɛ owu na ɛfata wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi de, nanso ɛnyɛ ɔyɛ nko na wɔyɛ, na mmom wɔpene wɔn a wɔyɛ saa ade no so.


Na, anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ nea ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom,


Gyidi nti na ogyaw Misraim hɔ a wansuro ɔhene abufuw, na omiaa n’ani tenaa mu sɛnea ohu nea wonhu no no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios