Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 7:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na agyanom mpanyin dumien no de nitan tɔn Yosef kɔɔ Misraim, nanso Onyankopɔn dii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na agyanom mpanimfoɔ no de nitan tɔnn Yosef kɔɔ Misraim, nanso Onyankopɔn dii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Agyanom mpanyin no ani beree Yosef enti wɔtɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Misraim. Nanso esiane sɛ na Onyankopɔn wɔ nʼafa nti

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na agyanom mpanimfoɔ no de nitan tɔnn Yosef kɔɔ Misraim, nanso Onyankopɔn dii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Agyanom mpanin no ani beree Yosef enti wɔtɔn no maa ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Misraim. Nanso, ɛsiane sɛ na Onyankopɔn wɔ nʼafa enti,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na agyanom mpanyin dumien no de nitan tɔn Yosef kɔɔ Misraim, nanso Onyankopɔn dii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 7:9
14 Referencias Cruzadas  

AWURADE dii Yosef akyi, na ɔyɛɛ ɔbarima a ne ho wɔ siade, na ɔtenaa ne wura Misraimni no fi.


Ɔsomaa onipa bi dii wɔn anim, wɔtɔn Yosef ma ɔkɔyɛɛ akoa.


Sɛ woretwa nsu a, me ne wo na ɛwɔ hɔ; na sɛ worefa nsubɔnten mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhyew wo, na ogyaframa renhyew wo.


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, nso mɛboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.


Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Muntwiw mmɛn me. Na wotwiw bɛn no. Na ose: Mene mo nua Yosef a motɔn no baa Misraim no.


Na onim sɛ nitan nti na woyii no mae.


Na efi bere a ɔde no sii ne fi ne nea ɔwɔ nyinaa so no, Yosef nti AWURADE hyiraa Misraimni no fi, na AWURADE nhyira baa nea ɔwɔ nyinaa so, ofie ne afum.


Na afei, hyɛ wo ho den, Serubabel, Awurade asɛm ni, na hyɛ wo ho den, Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin, na monhyɛ mo ho den, asase no so man nyinaa, Awurade asɛm ni, na monyɛ adwuma no, na midi mo akyi, asafo Awurade asɛm ni.


Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw; ɔdɔ nyɛ ahokyerɛ, ɛmmema ne ho so,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios