Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 7:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na wamma no agyapade wɔ mu, wamma no ɔnammɔn biako mpo; na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔde bɛma ɔno ne n’asefo a wodi n’akyi sɛ wɔmfa nyɛ wɔn de, nanso na onnya nnyaa ɔba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na wamma no agyapadeɛ wɔ mu, wamma no anammɔn baako mpo; na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔde bɛma ɔno ne n’asefoɔ a wɔdi n’akyire sɛ wɔmfa nyɛ wɔn deɛ, nanso na ɔnnya nnyaa ɔba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Onyankopɔn amfa asase no fa baabiara ankyɛ Abraham sɛ nʼankasa de. Nanso Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɛbɛyɛ ɔne nʼasefo nyinaa dea. Bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ yi na onni mma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na wamma no agyapadeɛ wɔ mu, wamma no anammɔn baako mpo; na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔde bɛma ɔno ne n’asefoɔ a wɔdi n’akyire sɛ wɔmfa nyɛ wɔn deɛ, nanso na ɔnnya nnyaa ɔba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Onyankopɔn amfa asase no fa baabiara ankyɛ Abraham sɛ nʼankasa dea. Nanso, Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɛbɛyɛ ɔne nʼasefoɔ nyinaa dea. Ɛberɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ yi no, na ɔnni mma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na wamma no agyapade wɔ mu, wamma no ɔnammɔn biako mpo; na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔde bɛma ɔno ne n’asefo a wodi n’akyi sɛ wɔmfa nyɛ wɔn de, nanso na onnya nnyaa ɔba.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 7:5
22 Referencias Cruzadas  

Na mede asase a woyɛ so hɔho yi, Kanaan asase nyinaa, mɛma wo ne w'asefo a ebedi w'akyi, sɛ daa awunnyade, na mayɛ wɔn Nyankopɔn.


Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kae sɛ: W'asefo na mede asase yi mɛma wɔn. Na osii afɔremuka wɔ hɔ maa AWURADE a oyii ne ho adi kyerɛɛ no no.


Da no ara na AWURADE ne Abram pamee sɛ: W'asefo na mede asase yi mama wɔn, efi Misraim asubɔnten ho de kosi asubɔnten kɛse, Eufrate asubɔnten, no so:


Na asase a wuhu yi nyinaa, wo ne w'asefo na mede mɛma mo daa.


Tena asase yi so sɛ, ɔhɔho, na medi w'akyi mahyira wo, efisɛ wo ne w'asefo na mede nsaase yi nyinaa mɛma mo, na mama ntam a mekaa w'agya Abraham no agyina.


Na wuhuu ne koma sɛ ɛyɛ nokware w’anim, na wo ne no pamee sɛ wode Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Yebusifo ne Girgasifo asase bɛma n’asefo. Na woama wo nsɛm no atim, efisɛ woyɛ ɔtreneeni.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Eyi ne asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: W’asefo na mede bɛma wɔn no: Na mama wode w’aniwa ahu, na ɔkɔ de, worenkɔ hɔ.


na mo nna aware asase a AWURADE kaa mo agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefo no so, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kodi ɔman no anim ma wontu nkɔ nkɔfa asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no.


Ɛnyɛ wo trenee ne wo koma a ɛteɛ nti na worekɔ akɔfa wɔn asase, na mmom amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afi w’anim, na wama asɛm a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom, Abraham, Isak ne Yakob no atim.


mo ne wɔn nnni aperepere, na meremfa wɔn asase nammɔn biako po memma mo, efisɛ mede Seir bepɔw mama Esau sɛ n’atenae.


Meyɛ mo nkyɛn hɔho ne mamfrani. Momma me amusie wɔ mo nkyɛn ha, na minsie m'amu a ɔda m'anim yi na emfi m'ani so.


Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asiw m'awo ho kwan, enti kɔ m'afenaa nkyɛn, ebia menya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai.


Onipa ba, wɔn a wɔte Israel asase so akurofo no so no ka sɛ: Abraham yɛ obiakofo na ɔfaa asase no dii, na yɛn de, yɛdɔɔso, yɛn mmom na wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛmfa nni.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios