Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 6:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baasɔn a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baason a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ahyɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti anuanom, munyi mo mu nnipa baason a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma na wonim nyansa na wɔahwɛ aka saa asɛm no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baason a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ahyɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti, anuanom, monyi mo mu nnipa baason a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma na wɔnim nyansa na wɔahwɛ aka saa asɛm no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baasɔn a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so;

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 6:3
34 Referencias Cruzadas  

Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafo na wɔnyɛ sikanibere, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanyin, ɔha ɔha so mpanyin, aduonum aduonum so mpanyin ne du du so mpanyin.


Efisɛ wɔakyerɛ no ne yɛbea a eye, ne Nyankopɔn na ɔkyerɛɛ no.


ne atemmu honhom ama nea watena ase rebu atɛn no, ne mmaninyɛ ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsan kɔ wɔn kurow pon ano no.


Na mo de, wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom.


Ɛnna asɛm yi trɛwee anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu; nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu, na ose: Mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn?


Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfinimfini (na nkurɔfokuw a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkae sɛ:


Enti etwa sɛ mmarima a wɔne yɛn nantewee bere a Awurade Yesu dii yɛn mu ahyɛmfiri no nyinaa


Na wobuae sɛ: Asraafo ha so panyin Kornelio, onipa trenee a osuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafo man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfo kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fi, na ontie w’anom nsɛm.


na wɔkyerɛw nhoma hyɛɛ wɔn nsa sɛ: Asomafo ne anuanom mpanyimfo no kyia anuanom a wofi amanaman mu a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia no.


Na anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonium no bɔ no din pa.


Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wofii ase kasaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.


Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔyɛ nyamesuroni sɛnea mmara te a Yudafo a wɔwɔ hɔ nyinaa bɔ no din pa


Ɛhɔ na yehuu anuanom bi, na wɔsrɛɛ yɛn sɛ yɛntena wɔn nkyɛn nnansɔn; na yefii hɔ koduu Roma.


Na dumien no frɛɛ asuafokuw no bae, na wɔkae sɛ: Ɛmfata sɛ yebegyaw Onyankopɔn asɛm akɔsom apon so.


Na asɛm no sɔɔ nnipakuw no nyinaa ani. Na wɔpaw Stefano, ɔbarima a gyidi ne Honhom Kronkron ayɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ofi Antiokia a wadan Yudani.


Eyinom na wɔde wɔn gyinaa asomafo no anim, na wɔsɔree de wɔn nsa guu wɔn so.


Na anuanom no tee no, wɔde no sian kɔɔ Kaesarea, na wogyaa no kwan ma ɔkɔɔ Tarso.


Na wɔnam Honhom no so ma obi anyansasɛnka; obi nso wɔma no nimdeɛsɛnka, sɛnea Honhom koro no ara pɛ.


Na menya meba a, mɛma wɔn a mode nhoma bɛkyerɛ sɛ wɔsɛ no, de mo ayɛyɛde no akɔ Yerusalem.


Na mommmow nsa, efisɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu.


Munyiyi mmarima anyansafo ne animdefo a wɔdɛnsow mo mmusuakuw no mu, na memfa wɔn minsisi mo so atitiriw.


nea wodi no ne ne nnwuma pa ho adanse: Wayɛn mma, sɛ wayɛ hɔhoyɛ, sɛ wahohoro ahotewfo anan ho, sɛ waboa wɔn a wɔn ho hia wɔn, sɛ wadi adwuma pa nyinaa akyi.


Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu.


Demetrio de, wɔn nyinaa di ne ho adanse, wɔ nokware mu, na yɛn nso yedi ne ho adanse, na wunim sɛ yɛn adanse yɛ nokware.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios