Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 5:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na Anania tee nsɛm yi no, ɔhwee ase wui. Na ehu kɛse baa wɔn a wɔtee eyinom nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na Anania tee nsɛm yi no, ɔhwee ase wui. Na ehu kɛseɛ baa wɔn a wɔtee yeinom nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, otwa hwee fam wui; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Anania tee nsɛm yi no, ɔhwee ase wui. Na ehu kɛseɛ baa wɔn a wɔtee yeinom nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, ɔtwa hwee fam wuiɛ; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm yi no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na Anania tee nsɛm yi no, ɔhwee ase wui. Na ehu kɛse baa wɔn a wɔtee eyinom nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 5:5
26 Referencias Cruzadas  

Na ehu baa nnipa nyinaa so, na asomafo no yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne pii.


Na ɛdɔn no ara mu asase wosowee kɛse, na kurow no nkyɛm du mu biako hwee ase, na asasewosow no kum nnipa mpemnson. Na wɔn a ɛkae no suroe, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn anuonyam.


Na sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, ogya fi wɔn anom bɛmene wɔn atamfo: Na sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, etwa sɛ wokum no saa ara.


Mebɔɔ wɔn a wɔyɛɛ bɔne kan no ne wɔn a aka no nyinaa kɔkɔ, saa ara nso na seisei a minni mo nkyɛn yi merebɔ wɔn kɔkɔ, sɛnea meyɛɛ bere a mebaa hɔ ne mprenu so no, sɛ meba bio a meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn.


Na mo werɛ a ɛhowee Onyankopɔn kwan so no ara, monhwɛ nsiyɛ ko a ɛma moyɛe, ɛne mo anoyi ne ahi ne ehu ne anigyina, ne mmɔdemmɔ ne aweretɔ. Na biribiara mu no, muyii mo ho kyerɛe sɛ mo ho tew, asɛm no mu.


Nea ɛwɔ he na mopɛ? Memfa abaa memmra mo nkyɛn, anaa ɔdɔ ɛne odwo honhom?


Na afei, hwɛ, Awurade nsa da wo so, na w’ani befura, na worenhu owia, gye da bi. Na amonom hɔ ara kusukuukuu ne esum beduruu no so ma okyini hwehwɛɛ obi a obeso ne nsa akyerɛ no kwan.


Na wɔn a aka no mu biara ansi ne bo sɛ ɔde ne ho bɛbɔ wɔn ho, nanso ɔman no buu wɔn kɛse.


Na merehyɛ nkɔm no, Benaia ba Pelatia wui. Ɛnna mede m’anim mibutuw fam mede nne kɛse misuu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, owie na worewie Israel nkae koraa yi!


Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn no, se ni: Esiane sɛ mokaa saa asɛm yi nti, hwɛ, merema me nsɛm ayɛ ogya w’anom, na ɔman yi adan nnyina, na ahyew wɔn.


Wo ho hu ma me honam popo, na misuro w’atemmude.


Na nnipa nyinaa besuro, na wɔaka Onyankopɔn adwuma, na wɔahu ne nneyɛe mu.


na kan no ɛnyɛ mo na moyɛe nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn abufuw baa yɛn so, sɛ yɛanhwehwɛ no n’atɔremude no so.


Na Dawid suroo Onyankopɔn da no, na ɔkae sɛ: Mede Onyankopɔn adaka no mɛba me nkyɛn dɛn?


Ɛnna ɔdan ne ho, ohuu wɔn no, ɔde AWURADE din domee wɔn. Na asisibere abien fi kwae no mu bae, bɛkyeree mmofra no mu aduanan abien, tetew wɔn mu.


So ɛnyɛ Serah ba Akan na ɔfomee ahyirade no mu, na abufuw baa Israel asafo no nyinaa so? Nso ɛnyɛ ɔno nko na ɔsɛee, ne mfomso no mu.


Na ne kurow no mu mmarima nyinaa nsiw no abo mma ɔntɔ; na yi bɔne no fi wo mu na Israel nyinaa nte na wonsuro.


na Israel nyinaa ntie na wonsuro, na wɔankɔ so anni wo mu asɛmmɔne a ɛte sɛɛ.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɛno ne nea AWURADE kae sɛ: Wɔn a wotwiw bɛn me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho anuonyam.


Eyi nti na, minni mo nkyɛn yi, mekyerɛw eyi mabrɛ mo, na sɛ meba a, me ne mo anni no dennen, sɛnea tumi a Awurade de ama me sɛ ɛmma nkɔso na ɛnyɛ ɔsɛe no te no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios