Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 4:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na ɛbae sɛ ade kyee no, wɔn atitiriw ne mpanyimfo ne kyerɛwfo behyiae Yerusalem,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, wɔn atitire ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ bɛhyiaa Yerusalem,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ade kyee no, Yudafo mpanyin, mpanyimfo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo hyiaa wɔ Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, wɔn atitire ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ bɛhyiaa Yerusalem,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ mpanin, mpanimfoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ hyiaa wɔ Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɛbae sɛ ade kyee no, wɔn atitiriw ne mpanyimfo ne kyerɛwfo behyiae Yerusalem,

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 4:5
12 Referencias Cruzadas  

Muntie AWURADE asɛm, Sodom atitiriw, monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn kyerɛkyerɛ Gomorafo.


Wonnue wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm ne wɔn a wosiesie bɔne, wɔn nnae so; anɔpa hann mu wɔyɛ, efisɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,


Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfo mpanyimfo ne kyerɛwfo ne baguafo no nyinaa kɔɔ agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔe kɔhyɛɛ Pilato nsa.


Na ɛbae sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ ɔman no wɔ asɔrefi na ɔreka asɛmpa no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no baa no so,


Na ade kyee no, ɔman mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne Akyerɛwfo no behyiae, na wɔde no kɔɔ wɔn asennii


Na Pilato frɛɛ asɔfo mpanyin ne mpanyimfo ne ɔman no boaa ano


sɛnea asɔfo mpanyin ne yɛn mpanyimfo de no kɔmae sɛ wommu no fɔ nkum no, na wɔbɔɔ no asɛnnua mu.


Ɛnna Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔman atitiriw ne mpanyimfo!


Na baguafo no mu biako a ɔyɛ Farisini a ne din de Gamaliel a ɔyɛ mmarakyerɛfo a ɔman no nyinaa bu no, sɔre hyɛe sɛ wɔmfa nnipa no mfi adi kakra.


Na wɔhwanyan ɔman no ne mpanyimfo ne Akyerɛwfo no mu, na wɔbaa no so bɛkyeree no twee no kɔɔ gua mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios