Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 3:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na Petro hui no, osee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwonwa, anaasɛ dɛn na mohwɛ yɛn haa te sɛnea yɛn ankasa tumi anaa ɔsom pa na yɛde ma ɔnantewee yi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na Petro hunuiɛ no, ɔsee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwanwa, anaasɛ adɛn na mohwɛ yɛn haa sɛdeɛ yɛn ara yɛn tumi, anaa ɛsom pa na yɛde maa no nanteeɛ yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Bere a Petro huu nnipadɔm no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Israelfo, adɛn na eyi yɛ mo nwonwa? Adɛn nti na mohwɛ yɛn, susuw sɛ yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yare?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na Petro hunuiɛ no, ɔsee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwanwa, anaasɛ adɛn na mohwɛ yɛn haa sɛdeɛ yɛn ara yɛn tumi, anaa ɛsom pa na yɛde maa no nanteeɛ yi?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɛberɛ a Petro hunuu nnipadɔm no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Israelfoɔ, adɛn na yei yɛ mo nwanwa? Adɛn enti na mohwɛ yɛn, susu sɛ yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yadeɛ?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na Petro hui no, osee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwonwa, anaasɛ dɛn na mohwɛ yɛn haa te sɛnea yɛn ankasa tumi anaa ɔsom pa na yɛde ma ɔnantewee yi?

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 3:12
15 Referencias Cruzadas  

Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛasoso adae, nso obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ yɛn ase. Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So nkyerɛase no mfi Nyankopɔn hɔ anaa? Monka nkyerɛ me ɛ!


Na Yosef buaa Farao sɛ: Enni me fam, na mmom Onyankopɔn na ɔmfa mmuae pa mma Farao.


Nea ɔbɔ n’ankasa ne tirim kasa no hwehwɛ n’ankasa anuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no no anuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafo, na nea ɛnteɛ nni no mu.


Anuanom, Abraham asefo ne mo mu nnipa a musuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagye asɛm yi abrɛ yɛn.


Israel mmarima, muntie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenne ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn no ara nam no so yɛe mo mu, yii no kyerɛɛ mo, sɛnea mo ankasa nso munim no,


Bere a na ɔtetare Petro ne Yohane ho no, ɔman no nyinaa de mmirika behyiaa wɔn nkyɛn abrannaa a wɔfrɛ no Solomon de no so, na wɔn ani so yɛɛ wɔn yaa.


Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’abofra Yesu anuonyam. Ɔno na muyii no mae na mopaa no wɔ Pilato a obuu ntɛn sɛ obegyaa no anim no.


Na afei mise: Onyankopɔn atow ne man akyene anaa? Dabida, na me nso meyɛ Israelni a mifi Abraham asefo mu, Benyamin abusuakuw mu.


na wɔyɛ Israelfo a abagye ne anuonyam ne apam horow ne mmarahyɛ ne nyamesom ne bɔhyɛ horow no yɛ wɔn de;


Ɛnyɛ sɛ yɛn ankasa fata sɛ yebesusuw ahu biribi sɛnea efi yɛn ara yɛn mu, na mmom yɛn fata a yɛfata no fi Nyankopɔn mu.


Na mpanyimfo no mu biako bisaa me sɛ: Eyinom a wɔhyehyɛ ntade yuu fitaa yi yɛ henanom, na wofi he?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios