Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 3:10 - KYERƐW KRONKRON

10 na wonim sɛ ɔne nea adesrɛ nti ɔtenaa asɔrefi pon Fɛfɛ no ano no, na nea ayɛ no no yɛɛ wɔn nwonwa ne ahodwiriw koraa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 na wɔnim sɛ ɔno ne deɛ adesrɛ nti ɔtenaa asɔrefie Pono Fɛfɛ no ano no, na deɛ ayɛ no no yɛɛ wɔn nwanwa ne ahodwiri koraa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wohuu no no, wohuu sɛ ɔno ne ɔsrɛsrɛni a na ɔda asɔredan pon a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛ no ano no, wɔn ho dwiriw wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 na wɔnim sɛ ɔno ne deɛ adesrɛ nti ɔtenaa asɔrefie Pono Fɛfɛ no ano no, na deɛ ayɛ no no yɛɛ wɔn nwanwa ne ahodwiri koraa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔhunuu no no, wohunuu sɛ ɔno ne ɔdesrɛni a na ɔda asɔredan ɛpono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛɛfɛ no ano no, wɔn ho dwirii wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 na wonim sɛ ɔne nea adesrɛ nti ɔtenaa asɔrefi pon Fɛfɛ no ano no, na nea ayɛ no no yɛɛ wɔn nwonwa ne ahodwiriw koraa.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 3:10
12 Referencias Cruzadas  

Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuafo fi ne na yam, a daa wɔde no bɛto asɔrefi pon a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefi no hɔ no mmɔborohunu ade;


Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ oyi anaa n’agya ne ne na na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Onyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ no mu.


Na Agya no dɔ Ɔba no, na ɔkyerɛ no nea n’ankasa yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛse a ɛsen eyinom, na ayɛ mo nwonwa.


Na Onyankopɔn ahoɔden kɛse yi yɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw. Na nneɛma a Yesu yɛe no nyinaa yɛɛ wɔn nwonwa no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ:


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw, na wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee, na wosisee wɔn ho sɛ: Eyi ase ne dɛn?


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ne nwonwa, na wokae sɛ: So wɔn a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafo anaa?


Na wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Asɛm bɛn ni, sɛ ɔde ahoɔden ne tumi hyɛ ahonhom fi ma wofi adi yi?


Na nnipa a wɔwɔ hɔ no huu no no, wɔsoma kɔɔ asase a atwa ahyia no nyinaa so, na wɔde wɔn a wɔyare nyinaa brɛɛ no,


Ɛnna afipamfo ne wɔn a kan wohuu no sɛ ɔyɛ ɔsrɛsrɛfo no kae sɛ: Ɛnyɛ oyi na ɔte hɔ srɛsrɛ ade no?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios