Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 27:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na n’adekyee no, yekogyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔe maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn ma wɔnhwɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔgyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn mma wɔnhwɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ade kyee no, yekoduu Sidon. Yulio yɛɛ Paulo adɔe ma ɔkɔsraa ne nnamfo ma wɔmaa no nneɛma a ɛho hia no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔgyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn mma wɔnhwɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Sidon. Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa ɔkɔsraa ne nnamfo maa wɔmaa no nneɛma a ɛho hia no no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na n’adekyee no, yekogyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔe maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn ma wɔnhwɛ no.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 27:3
12 Referencias Cruzadas  

Kanaan woo n'abakan Sidon, Het,


Sebulon tenabea bɛkyerɛ mpoano, na wahwɛ nea ahyɛn gyinagyina, na ɔne Sidon abɔ ɔhye.


Na ɔkae sɛ: Nkɔ so nni ahurusi bio, Sidon ba ababaa a wɔabɔ wo adapaa. Sɔre na twam kɔ Kipro, mpo ɛhɔ nso worennya ɔhome.


Na saa ara na ɔbɛyɛ Hamat, Tiro ne Sidon, sɛ wosusuw sɛ wonim nyansa mpo a.


Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ tumide a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra wɔn adwene ayitoma ne nso mu dedaw.


Afei Herode faa Tirofo ne Sidonfo ho abufuw; enti wɔyɛɛ nokoro baa ne nkyɛn, na wɔde bɛbɔɔ ɔhene dabehene Blasto so sɛ ɔnsrɛ ɔmannwoe mma wɔn, efisɛ ɔhene no asase so na wonya nnuan.


Na ɔhyɛɛ asraafo ha so panyin no sɛ ɔmfa no nsie, na wɔnnyɛ no biribi, na ne ho nnipa no bi bɛsom no anaasɛ ɔba ne nkyɛn a, ɔnnkame no.


Na wosii gyinae sɛ yɛnkɔ Italia no, woyii Paulo ne apokyerɛfo bi maa asraafo ha so panyin bi a ne din de Yulio a ofi Augustan asraafo kuw mu.


Nanso asraafo ha so panyin no pɛ sɛ ogye Paulo nti, wamma wɔanyɛ nea wosusuwii no, na ɔhyɛe sɛ wɔn a wobetumi aguare mfa wɔn ho ngu po mu kan nsi fam.


Na yeduu Roma no, wɔmaa Paulo kwan sɛ ɔne ɔsraani a ɔhwɛ no no nkɔtena nea ɔpɛ.


ne Ebron ne Rehob ne Hamon ne Kana de kosi Sidon Kɛse.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios