Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 26:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Ɛwom sɛ ɛyɛɛ m’ankasa nso sɛ ɛsɛ me sɛ meyɛ nneɛma pii mitiaa Yesu Nasareni no din;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Ɛwɔ mu sɛ ɛyɛɛ me ara nso sɛ, ɛsɛ me sɛ meyɛ nnoɔma pii metia Yesu Nasareni no din;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Mmere bi a atwam no, na mʼadwene nyinaa ne sɛ mɛyɛ biribiara a metumi de atia Yesu a ofi Nasaret no din.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛwɔ mu sɛ ɛyɛɛ me ara nso sɛ, ɛsɛ me sɛ meyɛ nnoɔma pii metia Yesu Nasareni no din;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Mmerɛ bi a atwam no, na mʼadwene nyinaa ne sɛ mɛyɛ biribiara a mɛtumi de atia Yesu a ɔfiri Nasaret no din.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛwom sɛ ɛyɛɛ m’ankasa nso sɛ ɛsɛ me sɛ meyɛ nneɛma pii mitiaa Yesu Nasareni no din;

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 26:9
16 Referencias Cruzadas  

Na eyinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, efisɛ wonnim nea ɔsomaa me no.


Na Paulo buae sɛ: Adɛn na moresu na mububu me koma yi? Me de, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti ɛnyɛ ɔkyere nko na wɔbɛkyere me, na mpo mewu Yerusalem hɔ.


Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔyɛn me kurow yi mu Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Onyankopɔn som ho mmɔden sɛnea mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.


Na metaa Ɔkwan yi de kɔɔ owu mu. Mekyeree mmarima ne mmea, na miyii wɔn ma wɔde wɔn koguu afiase,


Na mibuae sɛ: Ɛyɛ wo hena, Awura? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛyɛ me Yesu Nasareni a wotaa no no.


Yɛahu ɔbarima yi sɛ ɔyɛ obusufo a ɔde mansotwe ba Yudafo a wɔwɔ wiase nyinaa mu, na ɔyɛ Nasarefo fekuw no mu panyin.


Na afei, anuanom, minim sɛ onim a munnim nti na moyɛe, sɛ mo mpanyimfo ara.


Na Petro kae sɛ: Dwetɛ ne sika de minni bi, na nea mewɔ na mede merema wo yi: Nasareni Yesu Kristo din mu, nantew!


Na Saulo a ɔda so home ahunahuna ne okum home gu Awurade asuafo so no, kɔɔ ɔsɔfo panyin nkyɛn


Na me na mɛkyerɛ no amane pii a me din nti ɛsɛ sɛ ohu.


Na midi wɔn adanse sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ho mmɔdemmɔ de, nanso wonni no nimdeɛ mu.


mmɔdemmɔ fam, metaa asafo no, mmara mu trenee fam, wɔannya me ho asɛm.


Ɛwom sɛ na anka kan no, meyɛ mmusubɔfo ne ɔtaafo ne onuɔdenfo, nanso wɔahu me mmɔbɔ, efisɛ minnim na meyɛe, ogye a mannye manni mu.


Na kurom hɔfo ka kyerɛɛ Yoas sɛ: Yi wo ba no bra na ommewu, efisɛ waburuw Baal afɔremuka na watwitwa ɛho Asera nnua no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios