Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 26:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na afei migyina ha na wɔrebu me ntɛn Onyankopɔn bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no ho anidaso nti.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na afei megyina ha, na wɔrebu me atɛn Nyankopɔn bɔ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no ho anidasoɔ nti.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na afei esiane bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ yɛn nenanom no nti na migyina ha nnɛ na wɔrebu me atɛn yi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na afei megyina ha, na wɔrebu me atɛn Nyankopɔn bɔ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no ho anidasoɔ nti.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na afei ɛyɛ bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ yɛn nananom no enti na megyina ha ɛnnɛ na wɔrebu me atɛn yi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na afei migyina ha na wɔrebu me ntɛn Onyankopɔn bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no ho anidaso nti.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 26:6
59 Referencias Cruzadas  

Na mehyira wɔn a wohyira wo, na wɔn a wɔdome wo no, mɛdome wɔn; na wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.


na w'asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.


Na mɛma w'asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsaase yi nyinaa mama w'asefo, na w'asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa,


Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w'asefo ne n'asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.


Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n'anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.


AWURADE aka Dawid ntam nokwarem a ɔnnan ani: Mede wo yafumma mu bi matena w’agua so mama wo.


Ɛhɔ na mɛma tumi afi ama Dawid, masiesie ɔkanea hann mama nea masra no no.


AWURADE ama wɔahu ne nkwagye, wayi ne trenee adi, amanaman anim.


Ɛda no na AWURADE baa no bɛyɛ fɛfɛɛfɛ nyamnyam, na asase so aba bɛyɛ ahohoahoade ne ahyehyɛde ama Israel nkae a wɔanya nkwa no.


Enti Awurade ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa no benyinsɛn awo babanin, na wato no din Imanuel ase ne: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.


Ɔsɛe, ɔsɛe ɔsɛe na mɛdan no; sɛ ebi mmae da na eyi nso rentena hɔ daa, de bɛkɔ akosi sɛ nea atemmu wɔ no no bɛba, na mede mama no.


Na m’akoa Dawid bedi wɔn so hene, na oguanhwɛfo koro adi wɔn nyinaa so, na wɔanantew m’atemmude mu, na wɔahwɛ m’ahyɛde ayɛ,


Akyiri no Israel mma bɛsan abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n'adɔe ho, nna a edi akyiri no mu.


Na obiara a ɔbɛbɔ AWURADE din no, wobegye no nkwa; na bepɔw Sion so ne Yerusalem na sɛnea AWURADE aka no, nnipa a wɔafi mu afi, ne nnipa a AWURADE refrɛ wɔn, afi wɔn a aka no mu bɛtena, nkwa bɛtena, sɛnea AWURADE aka no.


Na agyefo bɛforo aba Sion bepɔw so abedi Esau bepɔw no so, na ahenni no bɛyɛ AWURADE dea.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a woka mmusuakuw a wosua wɔ Yuda no ho, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo no; nea n’ase fi tete nteredee, fi tete nna no mu.


Wode nokware bɛkyerɛ Yakob, ne daa adɔe akyerɛ Abraham sɛ wokaa yɛn agyanom ntam fi tete bemee no.


Ɛda no, wobebue nsuaniwa ano ama Dawid fi ne Yerusalemfo, bɔne ne ahokum fam.


Afoa, sɔre hyɛ me guanhwɛfo ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo Awurade asɛm ni; bɔ oguanhwɛfo no, na nguan no mpete, na mɛdan me nsa aba nkumaa no so.


na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Hwɛ, ɔbarima bi a “Baa” ne ne din, na ɔbɛfefɛw n’ananmu, na obesi Awurade asɔredan no.


Di ahurusi pii, Sion babea! Huro, Yerusalem babea. Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye; odwo, na ɔte afurum so, afurumforo a ɔyɛ afurummere ba so.


Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose.


Na mo a musuro me din no, trenee wia bepue ama mo, na ayaresa wɔ ne ntaban ase, na mubefi adi ahuruhuruw sɛ anantwiforo a wɔadi adɔ,


Na Paulo hui sɛ ɔfa yɛ Sadukifo, na ɔfa nso yɛ Farisifo no, ɔteɛɛm gua mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifo ba; awufo sɔre ne ɛho anidaso nti na wɔrebu me ntɛn yi.


Na mewɔ Onyankopɔn ho anidaso a wɔn ankasa nso hwɛ no kwan, sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.


gye asɛm biako yi a migyina wɔn mu no, meteɛɛm mekae sɛ: Awufo sɔre ho na morebu me ntɛn nnɛ yi.


Adɛn nti na mubu eyi asɛm a wonnye nni sɛ Onyankopɔn nyan awufo?


Afei eyi nti na mefrɛɛ mo, sɛ mehu mo na makasa makyerɛ mo; efisɛ Israel anidaso nti na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn yi agu me yi.


Na adiyifo nyinaa, a efi Samuel so ne wɔn a wodidi so no, dodow a wɔkasae, wɔn nso kaa nna yi ho asɛm.


Na mise: Kristo ayɛ twetiatwafo somfo de akyerɛ Onyankopɔn nokware sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den;


na bere no wiee odu no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbea woo no ma wɔwoo no mmara ase,


Odiyifo a ofi wo mu a ofi wo nuanom mu te sɛ me na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma no so ama wo, ɔno na muntie no.


ntwɛn Onyankopɔn kɛse ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidaso ne n’anuonyam ahoyi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios