Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 26:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Mibu no sɛ ɛyɛ akraye ma me sɛ merebeyi m’ano nnɛ wo, ɔhene Agripa, anim, wɔ nneɛma a Yudafo de toto m’ano nyinaa ho,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Mebu no sɛ ɛyɛ akwannya ma me sɛ merebɛyi m’ano nnɛ wɔ wo Ɔhene Agripa anim, wɔ nnoɔma a Yudafoɔ de toto m’ano nyinaa ho,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Ɔhene Agripa! Ɛyɛ me anigye sɛ nnɛ manya mu kwan gyina wʼanim ha reyi me ho ano wɔ asɛm a Yudafo aka atia me no ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Mebu no sɛ ɛyɛ akwannya ma me sɛ merebɛyi m’ano nnɛ wɔ wo Ɔhene Agripa anim, wɔ nnoɔma a Yudafoɔ de toto m’ano nyinaa ho,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Ɔhene Agripa! Ɛyɛ me anigye sɛ ɛnnɛ manya mu kwan gyina wʼanim ha reyi me ho ano wɔ asɛm a Yudafoɔ aka atia me no ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Mibu no sɛ ɛyɛ akraye ma me sɛ merebeyi m’ano nnɛ wo, ɔhene Agripa, anim, wɔ nneɛma a Yudafo de toto m’ano nyinaa ho,

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 26:2
10 Referencias Cruzadas  

Na mɛka w’adanse ho asɛm, ahene anim, na m’ani renwu.


Na sɛ woyi mo ma a, monnnwenwen sɛnea mobɛkasa anaa nea mobɛka, na wɔde nea mobɛka no bɛma mo ɛdɔn no ara mu.


Na sɛ wɔde mo kɔ hyia adan mu ne mpanyimfo ne atumfo anim a, munnnwinnwen nea mode beyi mo ho ano anaasɛ nea mobɛka ho,


Na nea edi eyinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa beso mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahene ne amradofo anim me din nti,


Nanso minni ne ho asɛm pa bi a mɛkyerɛw makɔma owura; enti na mede no maba mo anim, ne titiriw no, ɔhene Agripa, anim, na sɛ wonya hu asɛm no mu a, manya biribi makyerɛw.


Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wɔama wo kwan sɛ ka w’asɛm. Ɛnna Paulo teɛɛ ne nsa yii ano sɛ:


Enti, ɔhene Agripa, manyɛ ɔsoro ade a woyi kyerɛɛ me no ho asoɔden,


Na ɔhene a mede nnam meka asɛm mekyerɛ no yi nim nsɛm yi mu; na migye midi sɛ eyinom biara nhintaw no, efisɛ wɔanyɛ eyi kokoam.


ne titiriw no, wunim amanne nyinaa ne akyinnyegyesɛm a ɛwɔ Yudafo mu; enti mesrɛ wo sɛ tɔ wo bo ase tie me.


Ɛno ara na yɛn mmusuakuw dumien no de awia ne anadwo som a emu yɛ den ma wɔn ani da so sɛ wobenya; ɔhene, saa anidaso yi nti na Yudafo toto m’ano yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios