Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 26:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na metaa metwee wɔn aso hyia adan nyinaa mu, na mehyɛɛ wɔn ma wɔkaa abususɛm, na m’ani beree wɔn so dodo nti, metaa wɔn koduu ananafo nkurow so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na metaa metwee wɔn aso hyia adan nyinaa mu, na mehyɛɛ wɔn maa wɔkaa abususɛm, na m’ani beree wɔn so papaapa nti, metaa wɔn kɔduruu ananafoɔ nkuro so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Mema wɔtwee wɔn aso mmere pii wɔ hyiadan mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛpa wɔn gyidi. Mʼani beree wɔn so yiye ma metaa wɔn koduu aman afoforo so.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na metaa metwee wɔn aso hyia adan nyinaa mu, na mehyɛɛ wɔn maa wɔkaa abususɛm, na m’ani beree wɔn so papaapa nti, metaa wɔn kɔduruu ananafoɔ nkuro so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Memaa wɔtwee wɔn aso mmerɛ pii wɔ hyiadan mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛpa wɔn gyidie. Mʼani beree wɔn so yie maa metaa wɔn kɔduruu aman afoforɔ so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na metaa metwee wɔn aso hyia adan nyinaa mu, na mehyɛɛ wɔn ma wɔkaa abususɛm, na m’ani beree wɔn so dodo nti, metaa wɔn koduu ananafo nkurow so.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 26:11
17 Referencias Cruzadas  

Na mekae sɛ: Awurade, wɔn ara wonim sɛ wɔn a wogye wo di no, mede wɔn miguu afiase, na mehwee wɔn hyia adan nyinaa mu.


Na Yudafo no huu nkurɔfo akuwakuw no, anibere nti wɔkasakasa tiaa nea Paulo reka no gyee no akyinnye, na wɔkaa abususɛm.


Na monhwɛ mo ho yiye nnipa ho; na wɔbeyi mo ama mpanyimfo agua, na wɔaka mo mpire wɔn hyiadan mu.


sɛnea ɔsɔfo panyin nso ne mpanyimfo nyinaa di me adanse. Wɔn nkyɛn nso na mikogyee nhoma sɛ mede mekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ mekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehama mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso.


Na Saulo a ɔda so home ahunahuna ne okum home gu Awurade asuafo so no, kɔɔ ɔsɔfo panyin nkyɛn


nanso onyaa ne mmarato ho atɛnyi; afurum a ontumi nkasa de onipa nne kasae, siw odiyifo no nkwaseasɛm no kwan.


Ɛnyɛ wɔn ara na wɔka din pa a wɔde frɛ mo no ho nsɛmmɔne?


Na wotuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporow n’atade mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ankasa mo atifi; me de, me ho afi. Efi nnɛ merekɔ amanaman no mu.


Na nea edi eyinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa beso mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahene ne amradofo anim me din nti,


Na n’ani baa ne ho so no, ɔkae sɛ: Apaafo ahe na m’agya nni a wonnya aduan mma ɛmmoro so; na me de, ɔkɔm rekum me yi.


Na wɔn de, abufuw yɛɛ wɔn ma, na wotuu adekode wɔde bɛyɛ Yesu ho agyina.


Na mo de, monhwɛ mo ho so yiye! Na wobeyi mo ama mpanyimfo bagua, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo begyina amradofo ne ahemfo anim na moadi adanse akyerɛ wɔn.


Nokware mise mo sɛ, wɔde nnipa mma bɔne ne abususɛm a wɔbɛka nyinaa bekyɛ wɔn;


Eyi yɛ bɔne nea wɔyɛ owia ase no nyinaa mu, sɛ nkrabea koro da hɔ ma nnipa nyinaa; enti nso na bɔne ayɛ nnipa mma koma ma, na adammɔ wɔ wɔn komam ara wɔn asetena mu, na ɛno akyi wɔkɔ awufo nkyɛn.


Daa adesae na m’atamfo bɔ me ahohora, wɔn a wɔbɔ me so dam de me yɛ ntanka.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios