Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 22:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔyɛn me kurow yi mu Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Onyankopɔn som ho mmɔden sɛnea mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔtetee me kuro yi mu wɔ Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Nyankopɔn som ho mmɔden, sɛdeɛ mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso a ɛwɔ Kilikia. Wɔtetew me wɔ Yerusalem wɔ Gamaliel nan ase. Misuaa sɛnea wodi Yudafo mmara ne wɔn amanne so pɛpɛɛpɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ biribiara a meyɛ no, mede bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam sɛnea mo nyinaa nso reyɛ nnɛ yi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔtetee me kuro yi mu wɔ Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Nyankopɔn som ho mmɔden, sɛdeɛ mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso a ɛwɔ Kilikia. Wɔtetee me wɔ Yerusalem wɔ Gamaliel nan ase. Mesuaa sɛdeɛ wɔdi Yudafoɔ mmara ne wɔn amanneɛ so pɛpɛɛpɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ biribiara a meyɛ no, mede bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛdeɛ mo nyinaa nso reyɛ ɛnnɛ yi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔyɛn me kurow yi mu Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Onyankopɔn som ho mmɔden sɛnea mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 22:3
27 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene frɛɛ Gibeonfo no ka kyerɛɛ wɔn, nso Gibeonfo no mfi Israelfo mu na wɔyɛ Amorifo nkae no bi, nso Israelfo aka wɔn ntam, nanso Saul hwehwɛe sɛ okum wɔn, ne mmɔden a ɔbɔ maa Israel ne Yudafo no mu,


Na Elisa san baa Gilgal. Na ɔkɔm aba asase no so, na adiyifo mma no tete n’anim. Na ɔka kyerɛɛ n’abofra sɛ: Fa ɔsɛnkɛse si so noa aduan ma adiyifo mma no.


Na ɔwɔ onuabea bi a wɔfrɛ no Maria a ɔtenaa Awurade nan ase tiee n’asɛm.


Na ɛbae sɛ ne nnansa so no, wokohuu no wɔ asɔrefi sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo ntam retie wɔn na obisabisa wɔn nsɛm.


Na wofii adi bɛhwɛɛ nea asi; na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wobehuu onipa a ahonhommɔne fii no mu no sɛ ɔte Yesu nan ase fura ntama a n’adwenem atew; na wosuroe.


Na ofi hɔ kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo;


na wɔkyerɛw nhoma hyɛɛ wɔn nsa sɛ: Asomafo ne anuanom mpanyimfo no kyia anuanom a wofi amanaman mu a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia no.


Na ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.


Na wɔtee no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Onua, wuhu Yudafo mpempem a wɔagye adi a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden.


Na Paulo kae sɛ: Meyɛ Yudani a mifi Tarso, Kilikia kurow a ɛwɔ din pa ara no mu nipa ne me. Nanso mesrɛ wo, ma me kwan na menkasa menkyerɛ ɔman no.


Na amrado no kenkan nhoma no wiei na obisaa ɔman ko a ofi mu na ɔtee sɛ ofi Kilikia no,


Na Paulo hui sɛ ɔfa yɛ Sadukifo, na ɔfa nso yɛ Farisifo no, ɔteɛɛm gua mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifo ba; awufo sɔre ne ɛho anidaso nti na wɔrebu me ntɛn yi.


Na wonim me fi mfiase dedaw, nso sɛ wɔpɛ sɛ wodi ho adanse a, wonim me sɛ mefraa Fekuw a wodi yɛn som so pɛpɛɛpɛ no mu mebɔɔ me bra sɛ Farisini.


Ɛwom sɛ ɛyɛɛ m’ankasa nso sɛ ɛsɛ me sɛ meyɛ nneɛma pii mitiaa Yesu Nasareni no din;


Na baguafo no mu biako a ɔyɛ Farisini a ne din de Gamaliel a ɔyɛ mmarakyerɛfo a ɔman no nyinaa bu no, sɔre hyɛe sɛ wɔmfa nnipa no mfi adi kakra.


Na nnipa bi a wofi hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodifo hyiadan ne Kirenefo ne Aleksandriafo ne wɔn a wofi Kilikia ne Asia sɔree, na wɔne Stefano gyee akyinnye,


Na Saulo a ɔda so home ahunahuna ne okum home gu Awurade asuafo so no, kɔɔ ɔsɔfo panyin nkyɛn


Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ borɔn a wɔfrɛ no: Turodoo no so, na kobisa obi a wɔfrɛ no Saulo a ofi Tarso no akyi kwan wɔ Yuda fi; na hwɛ, ɔrebɔ mpae,


Na anuanom no tee no, wɔde no sian kɔɔ Kaesarea, na wogyaa no kwan ma ɔkɔɔ Tarso.


Na afei mise: Onyankopɔn atow ne man akyene anaa? Dabida, na me nso meyɛ Israelni a mifi Abraham asefo mu, Benyamin abusuakuw mu.


Wɔyɛ Hebrifo? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfo? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefo? Me nso meyɛ bi.


na menyaa nkɔso Yudafo som mu mesen m’atipɛnfo pii m’abusua mu, na mebɔɔ m’agyanom atetesɛm ho mmɔden bebree ma ɛtraa so.


Ɛno akyi no, mebaa Siria ne Kilikia fam.


Yiw, ɔdɔ ne man, n’akronkronfo nyinaa wɔ ne nsam. Na wɔn de, wɔboaboa wo nan ase, na wotie w’asɛm.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios