Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 2:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Partifo ne Medifo ne Elamfo ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Partifoɔ ne Mediafoɔ ne Elamfoɔ ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Partifo, Mediafo ne Elamfo, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Partifoɔ ne Mediafoɔ ne Elamfoɔ ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Partifoɔ, Mediafoɔ ne Elamfoɔ, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Partifo ne Medifo ne Elamfo ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia,

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 2:9
34 Referencias Cruzadas  

Petro, Yesu Kristo somafo, de kɔma wɔn a wɔahwete akɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu amamfrafo a wɔayi wɔn,


Yohane de kɔma asafo horow ason a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoe mfi nea ɔwɔ hɔ seisei, nea na ɔwɔ hɔ dedaw, nea ɔreba no ne ahonhom ason a ɛwɔ n’ahengua anim,


Wunim eyi, sɛ wɔn a wɔwɔ Asia nyinaa adan afi me nkyɛn, wɔn mu bi ne Figelo ne Hermogene.


Na ohuu Yudani bi a ne din de Akwila a wɔwoo no Ponto na ofi Italia baa hɔ nkyɛe, ne ne yere Priskila, efisɛ Klaudio ahyɛ sɛ Yudafo nyinaa mfi Roma nkɔ, na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn.


Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, efisɛ Honhom Kronkron siw wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia.


Na saa ade yi kɔɔ so mfirihyia abien, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafo ne Helafo, tee Awurade asɛm.


Na nnipa bi a wofi hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodifo hyiadan ne Kirenefo ne Aleksandriafo ne wɔn a wofi Kilikia ne Asia sɔree, na wɔne Stefano gyee akyinnye,


Na mihui anisoadehu mu, na mihui no, na mewɔ Susan ahemfi a ɛwɔ Elam asase so no mu; na mihui anisoadehu mu, na mewɔ asu Ulai ho.


Na da no, Awurade bɛteɛ ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkae a wɔaka afi Asaria ne Misraim ne Patros ne Etiopia ne Elam ne Sinear ne Hamat ne po mu nsupɔw mu.


Hosea afe a ɛto so akron mu na Asaria hene faa Samaria, na otuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn koduaa Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkurow mu.


Na ɔsomfo no faa ne wura yoma mu du, na ɔkɔe, na okura ne wura nnepa ahorow nyinaa bi, na ɔsɔre siim kɔɔ Mesopotamia, Nahor kurow mu.


Na Sinear hene Amrafel, Elasar hene Ariok, Elam hene Kedorlaomer ne Goiim hene Tideal bere so,


sɛ: Kyerɛw nea wuhu hyɛ nhoma mu, na fa kɔma asafo ahorow ason no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamum, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Na, anuanom, yɛmpɛ sɛ yɛde ahohia a ɛbaa yɛn so Asia no sie mo, sɛ ɛhyɛɛ yɛn so boroo yɛn tumi so, maa afei yɛn kɔn dɔɔ owu.


Asafo a ɛwowɔ Asia no kyiakyia mo. Akwila ne Priska ne asafo a ɛwɔ wɔn fi no kyia mo papaapa, Awurade mu.


Munkyia asafo a ɛwɔ wɔn fi no nso. Munkyia me dɔfo Epaineto a ɔyɛ Kristo mu abakan a ofi Asia no.


Na wɔbaa ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munim sɛnea efi da a edi kan a mebaa Asia no, me ne mo tenae bere no nyinaa mu,


Na Paulo aka sɛ obetwa Efeso ho, na wankɔkyɛ Asia; efisɛ ɔpɛ ntɛm, na sɛ obetumi a, wɔakodu Yerusalem Pentekoste da.


Na Asia mpanyimfo bi nso a wɔyɛ ne nnamfo soma kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ ahwɛe hɔ.


Na ɛnyɛ yɛn adwuma nko na ɛrekame asɛe, na mmom ɔbosombea kɛse Artemi asɔrefi rekɔyɛ sɛ wommu no hwee bio, na n’anuonyam kɛse a Asia nyinaa ne wiase de sɔre no no rebɔ no.


Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Anuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham bere a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran,


Odwennini a wuhuu no a ɔwɔ mmɛn abien no ne Media ne Persia ahene;


Anisoadehu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me: Ɔfowfo refow na ɔsɛefo resɛesɛe. O Elam, foro bra! Media, bɛka no hyɛ mu! Mɛma n’apinisi nyinaa to atwa.


Na wokohuu nhoma mmobɔwee bi Ahmeta aban a ɛwɔ Media asase so no mu, na wɔakyerɛw asɛm bi wɔ mu sɛɛ se:


Na Amonfo no hui sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Hanun ne Amonfo de dwetɛ dwetikɛse apem soma ma wɔde kogyee Mesopotamia ne Maaka-siria ne Soba nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo adɔm,


Ɛnna AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Mesopotamia hene Kusan-risataim nsa, na Israelfo som Kusan-risataim mfirihyia awotwe.


efisɛ wɔamfa aduan ne nsu ammehyia mo ɔkwan mu, bere a mufi Misraim reba no, ne sɛ wɔkɔbɔɔ Beor ba Bileam a ofi Petor wɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome wo nti.


Sem mma ne Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.


PERES, wɔakyɛ w’ahenni mu de ama Mediafo ne Persiafo.


Na ɛyɛɛ dɛn na yɛn nyinaa te yɛn ankasa kasa a wɔwoo yɛn mu yi?


Na Beroiani Sopater, Piro ba, ne Tesalonikafo Aristarko ne Sekundo ne Derbeni Gaio ne Timoteo ne Asiafo Tikiko ne Trofimo ka ne ho.


Na nnansɔn no reyɛ adu no, Yudafo a wofi Asia no huu no asɔrefi no, wɔhwanyan nnipa a ahyia hɔ no nyinaa ma wosusoo no mu teɛɛm sɛ:


ɛno mu na wohuu me sɛ meredwira me ho asɔrefi hɔ, nso ɛnyɛ me ne nkurɔfokuw anaasɛ meyɛɛ gyegyeegye bi.


Na yɛkɔɔ Adramitio hyɛn bi a ɛrebɛkɔ Asia fam mu no, yetui, na Makedoniani Aristarko a ofi Tesalonika ka yɛn ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios