Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 2:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ne nwonwa, na wokae sɛ: So wɔn a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafo anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri ne nwanwa, na wɔkaa sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafoɔ anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Enti wobisae se, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafo ana?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri ne nwanwa, na wɔkaa sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafoɔ anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Enti, wɔbisaa sɛ, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafoɔ anaa?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ne nwonwa, na wokae sɛ: So wɔn a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafo anaa?

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 2:7
12 Referencias Cruzadas  

Na nkurɔfo akuwakuw no se: Oyi ne Yesu, odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea no.


Na ɛkyɛe kakraa no, wɔn a wogyina hɔ no bae bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; na wo kasa nso yi wo adi!


Na Yesu tee no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wodi n’akyi no sɛ: Nokware mise mo sɛ, Israel mu mpo minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ pɛn.


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ma wobisabisaa wɔn ho sɛ: Dɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforo! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi po ma wotie no.


Na ɔsɔree, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ fii wɔn nyinaa anim kɔe; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam kae sɛ: Yenhuu saa bi da!


Wobua see no sɛ: Gyama wo nso wufi Galilea? Hwehwɛ mu, na wubehu sɛ odiyifo bi nsɔree wɔ Galilea pɛn.


na wɔkaa nso sɛ: Galilea mmarima, adɛn na mugyina ha rehwɛ ɔsoro yi? Yesu yi ara a wɔafa no mo nkyɛn kɔ ɔsoro yi, ɔbɛba saa ara, sɛnea muhu no sɛ ɔrekɔ ɔsoro yi.


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw, na wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee, na wosisee wɔn ho sɛ: Eyi ase ne dɛn?


Na ɛyɛɛ dɛn na yɛn nyinaa te yɛn ankasa kasa a wɔwoo yɛn mu yi?


na wonim sɛ ɔne nea adesrɛ nti ɔtenaa asɔrefi pon Fɛfɛ no ano no, na nea ayɛ no no yɛɛ wɔn nwonwa ne ahodwiriw koraa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios