Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 2:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na Yudafo bi a wɔyɛ nnipa nyamesurofo a wofi wiase aman nyinaa mu te Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na Yudafoɔ bi a wɔyɛ nnipa nyamesurofoɔ a wɔfiri wiase aman nyinaa mu te Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Saa bere no na Yudafo bi a wɔfɛre Nyame fi mmeaemmeae aba Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Yudafoɔ bi a wɔyɛ nnipa nyamesurofoɔ a wɔfiri wiase aman nyinaa mu te Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Saa ɛberɛ no na Yudafoɔ bi a wɔfɛre Onyame firi mmeaeɛ mmeaeɛ aba Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na Yudafo bi a wɔyɛ nnipa nyamesurofo a wofi wiase aman nyinaa mu te Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 2:5
17 Referencias Cruzadas  

ne otwa nnapa no, w'ade a wuduae w'afum no mu aba a edi kan de no; ne anoboa nnapa no, afe awiei a woaboaboa w'adwumade ano afi mfuw mu no.


Na minim wɔn nneyɛe ne wɔn adwene na ɛbɛba sɛ mɛboaboa amanaman ne kasa horow nyinaa ano, na wɔaba abehu m’anuonyam.


Na asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.


Na sɛnea anyinam a ɛpa tew ɔsoro ase fa hyerɛn kɔ ɔsoro ase, fa baabi no, saa ara nso na onipa Ba no bɛyɛ ne da no mu.


Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi teɛ, osuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekye no, na Honhom Kronkron wɔ no so.


Na wɔn mu biako a wɔfrɛ no Kleopa buaa no sɛ: So wo nko ne ɔhɔho wɔ Yerusalem a wunnim nsɛm a aba hɔ nnansa yi anaa?


Na Helafo bi wɔ wɔn a wɔbae sɛ wɔbɛsɔre afahyɛ no ase no mu;


Ɔyɛ nyamesuroni, ɔne ne fifo nyinaa, na ɔyɛ mmɔborohunu ade bebree ma nkurɔfo no, na ɔbɔ Onyankopɔn mpae daa.


Na ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ no no kɔe no, ɔfrɛɛ ne fie nnipa baanu ne ɔsraani nyamesuroni bi a ofi wɔn a wɔsom no daa no mu,


Na Yudafo no hwanyan mmea nyamesurofo a wɔwɔ din ne kurow no mu atitiriw, na wɔmaa ɔtaa baa Paulo ne Barnaba so, na wɔpam wɔn fii wɔn asase so.


Na Pentekoste da no dui no, na wɔn nyinaa ahyia faako.


Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔyɛ nyamesuroni sɛnea mmara te a Yudafo a wɔwɔ hɔ nyinaa bɔ no din pa


Nso nnipa nyamesurofo bi siee Stefano, na wosuu no pii.


Na ɔsɔre kɔe. Na hwɛ, Etiopiani barima bi a ɔyɛ Etiopiafo hemmaa Kandake piani tumfo a wasa no a ɔhwɛ ne sika nyinaa so ni; waba Yerusalem abɛsɔre,


Ɛnnɛ da yi na mefi ase mede wo ho suro ne wo ho hu magu ɔsoro nyinaa ase aman a wɔbɛte wo nka so, na wɔn ho apopo na wɔn bo atutu w’anim.


nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidi mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wontwe mo mfi asɛmpa no anidaso a motee a wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios