Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 2:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wofii ase kasaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔfirii aseɛ kasaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn ho kwan no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔfirii aseɛ kasaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn ho kwan.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wofii ase kasaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 2:4
55 Referencias Cruzadas  

AWURADE honhom nam me so kasa, na n’asɛm wɔ me tɛkrɛma so.


Na apɔtɔfo ano ne tɛkrɛma foforo na ɔde bɛkasa akyerɛ ɔman yi;


Na me de, eyi ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ose: Me honhom a ɛwɔ wo so no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anom no, ɛremfi w’anom ne w’asefo anom ne w’asefo asefo anom, AWURADE na ose, efi sesɛɛ de bɛkɔ akosi daa.


Enti AWURADE abufuhyew ahyɛ me ma, mabrɛ ne me ho so hyɛ: Hwie gu mmorɔn so mmotafowa ne mmerante asafo no nyinaa so; na wɔbɛkyere okunu ne ɔyere nyinaa, akwakoraa ne nea wadi nna amee.


na sim kɔ atukɔfo, wo man mma no nkyɛn, na kɔka kyerɛ wɔn, na wotie oo, wɔantie oo, se wɔn sɛ: Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se.


Na me de, AWURADE honhom mu tumi ne atemmu ne mmaninyɛ ahyɛ me ma, sɛ menkyerɛ Yakob ne mmarato, ne Israel ne bɔne.


Na sɛ woyi mo ma a, monnnwenwen sɛnea mobɛkasa anaa nea mobɛka, na wɔde nea mobɛka no bɛma mo ɛdɔn no ara mu.


Na nsɛnkyerɛnne yi bedi wɔn a wobegye adi no akyi: Me din mu, wobetu ahonhommɔne, wɔbɛkasa kasa foforo,


Efisɛ ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afi ne na yam po.


Na ɛbae sɛ Elisabet tee Maria nkyia no, akokoaa no huruwii ne yam; na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma,


Na n’agya Sakaria de, Honhom Kronkron ahyɛ no ma, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ:


efisɛ dɔn no ara mu na Honhom Kronkron bɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ moka.


Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfo nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.


Na Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no san fii Yordan ho, na Honhom no de no kɔɔ sare so.


na okyigyinafo a ɔne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa, na ɔbɛkae mo nea maka mo nyinaa.


Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na osee wɔn sɛ: Munnye Honhom Kronkron!


sɛ Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, nna yi mu ɛrenkyɛ na wɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron mu.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano noho.


efisɛ wɔtee sɛ wɔde tɛkrɛma foforo rekasa, na woreyi Nyankopɔn ayɛ kɛse. Ɛnna Petro buae sɛ:


So obi betumi asiw nsu ho kwan sɛ wɔmmmɔ eyinom a wɔanya Honhom Kronkron sɛ yɛn ara yi asu anaa?


Na mifii ase sɛ merekasa no, Honhom Kronkron beguu wɔn so sɛnea mfiase no, ebeguu yɛn so no ara.


Na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ne gyidi ahyɛ no ma. Na wɔde nkurɔfo bebree bɛkaa Awurade ho.


Na asuafo no de, anigye ne Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn ma.


Na Saulo a wɔfrɛ no Paulo nso a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no hwɛɛ no dinn


Na Onyankopɔn a onim komam no dii wɔn adanse maa wɔn Honhom Kronkron sɛnea ɔmaa yɛn nso no;


Na Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so, na wɔde tɛkrɛma horow kasae, na wɔhyɛɛ nkɔm.


Kretefo ne Arabiafo, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Onyankopɔn tumi ne ne nnwuma akɛse.


Na tɛkrɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ebesisii wɔn atifi mmiako mmiako.


Na wowiee mpaebɔ no, faako a wohyiae hɔ wosowee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm.


Ɛnna Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔman atitiriw ne mpanyimfo!


Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baasɔn a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so;


Na asɛm no sɔɔ nnipakuw no nyinaa ani. Na wɔpaw Stefano, ɔbarima a gyidi ne Honhom Kronkron ayɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ofi Antiokia a wadan Yudani.


Na Stefano a gyidi ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne akɛse ɔman no mu.


Nanso ɔno de, na Honhom Kronkron ayɛ no ma, na ɔhwɛɛ ɔsoro dinn huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu sɛ ogyina Onyankopɔn nifa,


Ɛnna wɔde wɔn nsa guu wɔn so, na wonyaa Honhom Kronkron.


Na Anania kɔe kɔhyɛn dan no mu, na ɔde ne nsa koguu no so kae sɛ: Onua Saulo, Awurade Yesu a oyii ne ho kyerɛɛ wo ɔkwan a wonam so reba no mu no na asoma me sɛ: Hu ade, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.


Na anidaso Nyankopɔn mfa gyidi mu anigye ne asomdwoe nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidaso mu, Honhom Kronkron ahoɔden mu.


Obi nso wɔma no tumideyɛ; obi nso wɔma no nkɔmhyɛ. Obi nso wɔma no ahonhom ahorow mu nhumu; obi nso wɔma no ɔkasa ahorow, obi nso wɔma no ɔkasa ahorow nkyerɛase.


Sɛ mede nnipa ne abɔfo tɛkrɛma mekasa, na minni dɔ a, na mete sɛ ayowa a egyigye anaa akasae a ɛrewosow.


Ɔdɔ to ntwa da. Nkɔmhyɛ de, wobegu; ɔkasa horow de, ebegyae; nimdeɛ de, ɛbɛsa.


Meda Onyankopɔn ase sɛ mekasa ɔkasa horow bebree sen mo nyinaa;


Mepɛ sɛ anka mo nyinaa kasa kasa horow, nanso nea mepɛ mmom ne sɛ anka mobɛhyɛ nkɔm; na nea ɔhyɛ nkɔm so sen nea ɔkasa kasa horow, gye sɛ ɔkyerɛ ase ma asafo no nya nkɔso.


na moahu Kristo dɔ a ɛtra nhumu no, na Onyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie.


Na mommmow nsa, efisɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu.


na momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa,


Woyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho na wɔsom, na mmom wɔsom mo fa nsɛm a seisei yɛbɔ no dawuru kyerɛ mo ne wɔn a wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no fii soro bɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Saa nsɛm yi na abɔfo mpo pɛɛ sɛ wɔbɛhu mu.


efisɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na mmom Onyankopɔn nnipa kronkron so, sɛnea Honhom Kronkron de wɔn rekɔ no, na wɔkasae.


Ɛnna Eli ka kyerɛɛ no sɛ: Enkosi da bɛn na wobɛbow nsa? Yi nsanom fi w’ani so.


Na woduu Gibea kurow no mu no, hwɛ, adiyifo asafo behyiaa no, na Onyankopɔn honhom besii Saul so, na ɔhyɛɛ nkɔm wɔ wɔn mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios