Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ fi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ ofi a wɔte mu no ma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ firi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ efie a wɔte mu no ma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Amono mu hɔ ara, nne bi te sɛ ahum a ɛretu fi ɔsoro ba bɛhyɛɛ ofi a na wɔwɔ mu no ma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ firi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ efie a wɔte mu no ma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Amonom hɔ ara, ɛnne bi te sɛ ahum a ɛretu firi ɔsoro baeɛ bɛhyɛɛ efie a na wɔwɔ mu no ma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ fi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ ofi a wɔte mu no ma.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 2:2
14 Referencias Cruzadas  

Na ɔkae sɛ: Fi adi kogyina bepɔw no so AWURADE anim. Na hwɛ, AWURADE twaam, na mframa kɛse a ɛyɛ den paepaee mmepɔw na ebubuu abotan dii AWURADE anim; na ɛnyɛ mframa no mu na AWURADE wɔ; na mframa no akyi no asasewosow; na ɛnyɛ asasewosow no mu na AWURADE wɔ;


Na ɔtenaa Kerub so tui, na ɔde mframa ntaban tu bae afrɛso.


Benkum fam mframa, sɔre, na nifa mframa nso, bra bɛbɔ me turo mu, ma ne nnuhuam nsosɔ. Ma me dɔfo mmra ne turo mu, na onni mu nnuaba a ɛwɔ bo no.


Na wonnya mfrɛe no, megye so; wɔda so rekasa no, metie.


Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose.


Na mpofirim ara ɔsoro asafo bebree bɛkaa ɔbɔfo no ho yii Nyankopɔn ayɛ sɛ:


Mframa bɔ nea ɛpɛ, na wote ne nka, na wunnim nea efi ba ne nea ɛrekɔ. Saa ara nso na obiara a wɔawo no Honhom mu no te.


Na tɛkrɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ebesisii wɔn atifi mmiako mmiako.


Na wɔtee nea ɛrekɔ so no, nnipa pii behyiae, na wɔn adwene mu yɛɛ wɔn keserenee sɛ obiara tee sɛ wɔka ne kurom kasa.


Na wowiee mpaebɔ no, faako a wohyiae hɔ wosowee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm.


Woyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho na wɔsom, na mmom wɔsom mo fa nsɛm a seisei yɛbɔ no dawuru kyerɛ mo ne wɔn a wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no fii soro bɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Saa nsɛm yi na abɔfo mpo pɛɛ sɛ wɔbɛhu mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios