Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 2:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Kretefo ne Arabiafo, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Onyankopɔn tumi ne ne nnwuma akɛse.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Kretafoɔ ne Arabfoɔ, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Nyankopɔn nnwuma akɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 ne Kretafo ne Arabfo mu biara kasa mu yi?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Kretafoɔ ne Arabfoɔ, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Nyankopɔn nnwuma akɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 ne Kretafoɔ ne Arabfoɔ mu biara kasa mu yi?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Kretefo ne Arabiafo, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Onyankopɔn tumi ne ne nnwuma akɛse.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 2:11
36 Referencias Cruzadas  

Obi nso wɔma no tumideyɛ; obi nso wɔma no nkɔmhyɛ. Obi nso wɔma no ahonhom ahorow mu nhumu; obi nso wɔma no ɔkasa ahorow, obi nso wɔma no ɔkasa ahorow nkyerɛase.


Hena na ɔte sɛ wo, AWURADE, wɔ anyame mu? Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu onuonyamfo, nea ne ho yɛ hu ayeyi mu, anwonwadeyɛfo.


na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne ahoɔdenne horow ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanse bi.


Wɔn mu bi a ɔyɛ wɔn ankasa diyifo kae sɛ: Kretefo yɛ atorofo daa, mmoa bɔne, akwadwofo adidifo.


ne Arabia ahene nyinaa ne afrafrafo ahene a wɔte anwea pradada so no nyinaa,


sɛ merema wɔate m’aseda dwom, na maka w’anwonwade nyinaa.


Ɔyɛ ade akɛse a enni nhwehwɛm, ne anwonwade a wontumi nkan.


Eyi nti na mede wo migyaw Krete, na woasiesie nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ, na woasisi kurow biara kurow so mpanyimfo, sɛnea mehyɛɛ wo no:


Na esiane sɛ hyɛn gyinabea hɔ nna hɔ yiye sɛ wobedi awɔw bere hɔ nti, wɔn mu bebree kae sɛ wobetu afi hɔ nso akɔhwɛ sɛ wobetumi akodu Foenike a ɛyɛ Krete hyɛn gyinabea a ɛda kɔ atifi ne atɔe ntam, ɛne anafo ne atɔe ntam, na wɔakodi awɔw bere wɔ hɔ.


Na nnafua bebree na yɛnam brɛoo, na yɛbrɛe ansa na yɛrebɛn Knido, na mframa amma yɛn ho kwan nti, yɛfaa Krete ase ase twaa Salmone ho.


Ma w’ani so kyerɛ nkoko pataa no so, na hwɛ! Ɛhe na wonguu wo ho fi ɛ? Akwankyɛn na wote twɛn wɔn, sɛ sare so Arabiani, na wode w’aguamammɔ ne wo nnebɔne agu asase no ho fi.


Eyi nso, asafo AWURADE nkyɛn na efi; n’agyinatu yɛ nwonwa, na ne nyansa nni ano.


AWURADE, me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so makamfo wo din sɛ woayɛ anwonwade; tete bemee agyinatu atim ayɛ nokware.


Obi rentena mu da biara da, na obi renkɔtena hɔ, awo ntoatoaso a edidi so mu, na Arabiani biara rensi ntamadan hɔ, na nguanhwɛfo nso remma wɔn mmoa mmutuw hɔ;


Nea ne nko yɛ anwonwade akɛse, na n’adɔe wɔ hɔ daa.


Wama wɔakae n’anwonwade, ɔdomfo ne mmɔborohunufo ne AWURADE.


Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho, ne n’anwonwade, nnipa mma mu,


Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho, ne n’anwonwade, nnipa mma mu,


Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho, ne n’anwonwade, nnipa mma mu,


Monka n’anuonyam, amanaman mu, n’anwonwade, aman nyinaa mu.


Na ɔsoro yi wo, AWURADE, anwonwade ayɛ, ne wo nokware nso wɔ akronkronfo asafo mu.


yɛremfa nhintaw wɔn mma, yɛreka nkyirimma AWURADE ayeyisɛm, ne ne tumidi, ne n’anwonwade a wayɛ no.


Mɛkae AWURADE nneyɛe maka, yiw, mɛkae wo tete anwonwade,


Onyankopɔn, wo na wufi me mmofraase kyerɛkyerɛɛ me, na maka w’anwonwade no mabedu sesɛɛ.


AWURADE, me Nyankopɔn, w’anwonwade ne w’adwene, woama adɔɔso ama yɛn, wɔrentumi mfa biribi nto wo ho; anka mɛka na makasa ho, ɛdɔɔso sen sɛ wobetumi akan.


Na Onyankopɔn boaa no hyɛɛ Filistifo ne Arabiafo a wɔtete Gur-baal ne Meunifo no.


Na wofi Filistifo mu nso de ayɛyɛde ne dwetɛ beyii tow maa Yehosafat; Arabiafo mpo de nguan brɛɛ no: Adwennini mpemnsɔn ahansɔn, ne mpapo nso mpemnsɔn ahansɔn.


ɛsono nea efi aguadifo hɔ ne akwantemfo batadi mu ne nea efi Arabia ahemfo nyinaa ne asase no so amradofo no nsam.


Na Hagar yɛ Sinai bepɔw a ɛwɔ Arabia; na ɛno ne nnɛ yi Yerusalem sɛso, efisɛ ɛyɛ ne mma wɔ nkoasom mu.


nanso mankɔ Yerusalem wɔn a wodii m'anim yɛɛ asomafo no nkyɛn, na mmom mekɔɔ Arabia, na mesan mebaa Damasko bio.


Arabia ho atemmusɛm ni: Dedan akwantufo asafo, anwea pradada so Arabia na mobɛsoɛ.


Na Onyankopɔn de ebinom asi asafo no mu sɛ asomafo kan, nea ɛto so abien, adiyifo, nea ɛto so abiɛsa, akyerɛkyerɛfo, bio nso tumide, ne ayaresa adom akyɛde, aboafo, mpanyin nnwuma, kasa ahorow.


Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo,


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw, na wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee, na wosisee wɔn ho sɛ: Eyi ase ne dɛn?


Na anafo mframa fii ase bɔe no, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔn nsa aka nea wɔde sii wɔn anim no, na wotuu sɛkyɛ nam ano ano a wɔbɛn Krete.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios