Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 2:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔasakyera aba Yudasom mu,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo,

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 2:10
34 Referencias Cruzadas  

Na ɔkɔm baa asase no so, na Abram sian kɔtenaa Misraim kɔyɛɛ ɔhɔho wɔ hɔ, efisɛ ɔkɔm no mu yɛɛ den asase no so.


Na asase biara asase ne kurow biara kurow a ɔhene asɛm ne ne mmara no duu so no, anigye ne ahosɛpɛw baa hɔ maa Yudafo no, apontow ne dapadi. Na asase no so amanaman no mu nnipa bebree dannan wɔn ho Yudafo, efisɛ na Yudafo no ho hu aka wɔn.


Montenatena apɔnkɔ so, nteaseɛnam ntu yirididi na nnɔmmarima no mfi adi, Etiopia ne Put, akyɛmkurafo no ne Ludifo a wokura ta pono mu no.


Misraimfo, Yudafo, Edomfo, Amonfo, Moabfo, ne wɔn a wɔtete anwea pradada so na wɔatwitwa wɔn nwi de di awufo ni no nyinaa; efisɛ amanaman nyinaa yɛ momonotofo, na Israel fi nyinaa yɛ komam momonotofo.


Etiopia ne Put ne Lidia ne afrafrafo dɔm nyinaa ne Kub ne apam asase no sofo ne wɔn bɛtotɔ nkrante ano.


na obenya sika ne dwetɛ akorade ne Misraim afɛfɛde nyinaa adi so, na Libiafo ne Etiopiafo bedi n’anammɔn akyi.


Israel yɛ aberante no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba fii.


Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɛbɛba bio sɛ aman ne nkurow pii mufo bɛba,


Sɛ asafo AWURADE se ni: Nna no mu na mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ: Onyankopɔn ne mo na ɛte.


na ɔwɔ hɔ ara kosii sɛ Herode wui; na nea Awurade nam odiyifo no so kae no aba mu sɛ: Mafrɛ me ba afi Misraim.


Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mutwa po ne asase ho hyia sɛ mobɛyɛ onipa biako mo fekuni; na sɛ ɔyɛ a, moyɛ no amanehunu kuroni mmɔho abien sen mo ara.


Na wɔrefi adi no, wohuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon; ɔno na wɔhyɛɛ no maa ɔsoaa n’asɛnnua no.


Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ofi afum retwam a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo n’agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.


Na wɔn mu binom nso a wɔyɛ Kiprofo ne Kirenefo baa Antiokia no, wɔkasa kaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ Helafo no.


Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifo ne akyerɛkyerɛfo bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetew no ne ɔmansinhene Herode bom, ne Saulo.


Na Paulo ne ne mfɛfo tu fii Pafo no, wɔbaa Perga a ɛwɔ Pamfilia; na Yohane twee ne ho fii wɔn ho san kɔɔ Yerusalem.


Na wɔn a wɔahyiam no paepaeem no, Yudafo ne wɔn a adan Yudafo nyamesurofo no mu bebree dii Paulo ne Barnaba akyi, na wɔkasa kyerɛɛ wɔn tuu wɔn fo sɛ wɔntena Onyankopɔn dom no mu.


Na wotwaam Pisidia no, wɔbaa Pamfilia.


Nanso Paulo susuwii sɛ enye sɛ wɔbɛfa nea ɔtwee ne ho fii wɔn ho Pamfilia na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no aka wɔn ho.


Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, efisɛ Honhom Kronkron siw wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia.


Nso Atenefo ne ahɔho a wɔabɛtena hɔ nyinaa nni hwee yɛ sɛ wɔbɛka anaa wɔbɛte asɛm foforo bi.


Na ohuu Yudani bi a ne din de Akwila a wɔwoo no Ponto na ofi Italia baa hɔ nkyɛe, ne ne yere Priskila, efisɛ Klaudio ahyɛ sɛ Yudafo nyinaa mfi Roma nkɔ, na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn.


Na ɔkyɛɛ hɔ kakra no, ofii hɔ kokyinii Galatia ne Frigia nkurow nyinaa mu hyɛɛ asuafo no nyinaa den.


Kretefo ne Arabiafo, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Onyankopɔn tumi ne ne nnwuma akɛse.


Na anadwo no, Awurade begyinaa ne nkyɛn kae sɛ: Ma wo bo nyɛ duru; na sɛnea woadi me ho adanse Yerusalem ha yi no, saa nso na ɛsɛ sɛ wukodi adanse Roma.


Na yɛfaa Kilikia ne Pamfilia po so no, yekogyinaa Likia kurow Mira ho.


Ɛhɔ na anuanom a wɔtee yɛn nka no fi behyiaa yɛn Apius gua so ne akuraa bi a ɛde Nsadan-mmiɛnsa, na Paulo huu wɔn no, ɔdaa Onyankopɔn ase, na ɔmaa ne bo tɔɔ ne yam.


Na asɛm no sɔɔ nnipakuw no nyinaa ani. Na wɔpaw Stefano, ɔbarima a gyidi ne Honhom Kronkron ayɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ofi Antiokia a wadan Yudani.


Na nnipa bi a wofi hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodifo hyiadan ne Kirenefo ne Aleksandriafo ne wɔn a wofi Kilikia ne Asia sɔree, na wɔne Stefano gyee akyinnye,


ne saa nti na mifi m’ahoɔden nyinaa mu masiesie me ho sɛ mɛka asɛmpa no makyerɛ mo a mowɔ Roma nso.


Me Paulo, mekyerɛw de kɔma Onyankopɔn adɔfo a wɔwɔ Roma nyinaa, a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo no: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo.


Na ɔbaa Roma no, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me, na ohuu me.


Na wɔn afunu bɛdeda kurow kɛse no abɔnten so, kurow a honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, nea wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛnnua mu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios