Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 19:2 - KYERƐW KRONKRON

2 obisaa wɔn sɛ: Mugye dii no, munyaa Honhom Kronkron anaa? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛntee pɛn po sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 ɔbisaa wɔn sɛ: Mogye diiɛ no, monyaa Honhom Kronkron anaa? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛntee pɛn mpo sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 bisaa wɔn se, “Bere a mugye dii no, munyaa Honhom Kronkron no ana?” Wobuaa no se, “Yɛntee mpo da sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 ɔbisaa wɔn sɛ: Mogye diiɛ no, monyaa Honhom Kronkron anaa? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛntee pɛn mpo sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 bisaa wɔn sɛ, “Ɛberɛ a mogye diiɛ no, monyaa Honhom Kronkron no anaa?” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛntee mpo da sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 obisaa wɔn sɛ: Mugye dii no, munyaa Honhom Kronkron anaa? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛntee pɛn po sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 19:2
12 Referencias Cruzadas  

ɛnne nea ɔde Honhom no ma mo na ɔda ne tumi adi mo mu no, ɔnam mmara nnwuma so na ɔyɛ, anaasɛ ɔnam gyidi (asɛmpa) a motee no so?


Anaasɛ munnim sɛ mo nipadua yɛ Honhom Kronkron a ɔwɔ mo mu, a munya fii Onyankopɔn hɔ no asɔredan, na monne mo ho?


Na eyi de, ɔkae Honhom a wɔn a wogye no di rebenya no ho; na Honhom no nnya mmae, efisɛ wonnya nhyɛɛ Yesu anuonyam.


Na wɔtee no, wɔma wɔbɔɔ wɔn asu hyɛɛ Awurade Yesu din mu.


Na Petro gu so reka nsɛm yi no, Honhom Kronkron beguu wɔn a wɔtee asɛm no nyinaa so.


sɛ Onyankopɔn se: Na ɛbɛba sɛ nna a edi akyiri no mu no mehwie me Honhom no magu honam nyinaa so, na mo mmammarima ne mo mmabea ahyɛ nkɔm, na mo mmerante ahuhu anisoade, na mo mpanyin asoso adae;


Nso na Samuel nnya nhuu AWURADE, na wonnya nyii AWURADE asɛm nkyerɛɛ no ɛ.


Efisɛ m’ani gyina sɛ mehu mo, na mede honhom adom akyɛde bi mabrɛ mo abɛhyɛ mo den,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios