Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 17:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanse sɛ etwa sɛ Kristo no hu amane, na ɔsɔre fi awufo mu. Na ose: Yesu a meka mo ne ho asɛm yi ara ne Kristo no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanseɛ sɛ ɛtwa sɛ Kristo no hunu amane, na ɔsɔre firi awufoɔ mu. Na ɔse: Yesu a meka mo ne ho asɛm yi ara ne Kristo no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 kyerɛɛ mu, dii adanse sɛ, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no hu amane na ɔsɔre fi awufo mu. Paulo kae se, “Saa Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi ne Agyenkwa no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanseɛ sɛ ɛtwa sɛ Kristo no hunu amane, na ɔsɔre firi awufoɔ mu. Na ɔse: Yesu a meka mo ne ho asɛm yi ara ne Kristo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 kyerɛɛ mu, dii adanseɛ sɛ ɛsɛ sɛ, Agyenkwa no hunu amane na ɔsɔre firi awufoɔ mu. Paulo kaa sɛ, “Saa Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi ne Agyenkwa no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanse sɛ etwa sɛ Kristo no hu amane, na ɔsɔre fi awufo mu. Na ose: Yesu a meka mo ne ho asɛm yi ara ne Kristo no.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 17:3
16 Referencias Cruzadas  

Ɛnna wosisee wɔn ho sɛ: Ɔne yɛn rekasa ɔkwan mu na obuee kyerɛw nsɛm no mu kyerɛɛ yɛn no, so yɛn akoma mu anyɛ yɛn dɛdɛɛdɛ anaa?


Na osee wɔn sɛ: Eyi ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ etwa sɛ nea wɔakyerɛw Mose mmara ne Adiyifo ne Nnwom mu wɔ me ho no nyinaa ba mu.


Na osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ, Kristo no behu amane, na da a ɛto so abiɛsa no, wasɔre afi awufo mu,


Na na wonnya nhuu kyerɛwsɛm no sɛ etwa sɛ ɔsɔre fi awufo mu no ɛ.


Na ɔne wɔn hyiae no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wommfi Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn Agya no bɔhyɛ a ose: Mote fii m’anom no,


Na ɔde n’asɛm kaa Yudafo no gui wɔ baguam, nam kyerɛw nsɛm so kyerɛe pefee sɛ Yesu ne Kristo no.


Na Silas ne Timoteo fi Makedonia bae no, Paulo de nnam kaa asɛm no, na odii adanse kyerɛɛ Yudafo sɛ Yesu ne Kristo no.


Na Onyankopɔn ama nea ɔnam n’adiyifo nyinaa anom ka too hɔ sɛ Kristo no behu amane no aba mu saa.


Na Saulo kɔɔ so ara nyaa ahoɔden, na ɔmaa Yudafo a wɔte Damasko no ho yeraw wɔn, na odii adanse kyerɛe sɛ oyi ne Kristo no.


O, Galatifo a moyɛ adwenharefo! Hena na wadaadaa mo saa, mo ampa ara wɔde Yesu Kristo a wɔabɔ no asɛnnua mu agyina mo anim akyerɛ pefee pa ara ni?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios