Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 15:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foenike ne Samaria kaa amanaman mufo no adwensakra ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyei kɛse.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanaman no adwensakyera ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyee kɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Asafo no gyaa wɔn kwan. Wɔrekɔ no, wɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanamanmufo gye a wɔagye asɛm no adi no kyerɛɛ wɔn. Saa asɛm yi yɛɛ agyidifo no nyinaa anigye yiye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanaman no adwensakyera ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyee kɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Asafo no gyaa wɔn kwan. Wɔrekɔ no, wɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanamanmufoɔ gye a wɔagye asɛm no adi no kyerɛɛ wɔn. Nnipa yi tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyee yie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foenike ne Samaria kaa amanaman mufo no adwensakra ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyei kɛse.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 15:3
27 Referencias Cruzadas  

Na wɔbae na wɔfrɛɛ asafo no boaa ano no, wɔkaa nea Onyankopɔn de wɔn akɔyɛ nyinaa ne sɛnea wabue gyidi pon ama amanaman no.


Na yewiee nna no di no, yefii hɔ tuu yɛn kwan, na wɔn nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma begyaa yɛn kwan de kosii sɛ yefii kurow no mu, na yɛkotow mpoano hɔ bɔɔ mpae.


Bɔ mmɔden gya Mmaranimfo Sena ne Apolo kwan yiye, na anhia wɔn hwee.


Ɛno nti obiara mmmu no animtiaa, na munnya no kwan asomdwoe mu, na ɔmmra me nkyɛn; na meretwɛn no ne anuanom no.


Na ebia mɛtena mo nkyɛn, anaasɛ medi awɔw bere nso mo nkyɛn, na baabiara a mɛkɔ no, moagya me kwan.


da biara a metu kwan makɔ Spania no, m’ani da so sɛ, mebɛfa hɔ a, mehu mo anim, na sɛ migye m’ani kakra wɔ mo nkyɛn ansa a, moagya me kwan akɔ hɔ.


Na nnipakuw no nyinaa yɛɛ komm, na wotiee Barnaba ne Paulo a wɔreka nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ amanaman mu no.


na mabɛfa mo nkyɛn makɔ Makedonia, na masan mafi Makedonia maba mo nkyɛn bio, na moagya me kwan ma makɔ Yudea.


Ɛhɔ na anuanom a wɔtee yɛn nka no fi behyiaa yɛn Apius gua so ne akuraa bi a ɛde Nsadan-mmiɛnsa, na Paulo huu wɔn no, ɔdaa Onyankopɔn ase, na ɔmaa ne bo tɔɔ ne yam.


Na asuafo no de, anigye ne Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn ma.


Na amanaman mufo no tee no, wɔn ani gyei, na wɔhyɛɛ Awurade asɛm no anuonyam. Na dodow a wɔayi wɔn ama daa nkwa no gye dii.


Na asomafo a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafo agye Onyankopɔn asɛm no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn.


Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye na yɛn bo tɔ yɛn yam, efisɛ wo nua yi wui, na wanyan; na ɔyerae, na wɔahu no.


Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfinimfini (na nkurɔfokuw a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkae sɛ:


Na nnipa bi fi Yudea bae bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: Sɛ wɔantwa mo twetia sɛnea Mose amanne no te no a, muntumi nnya nkwa.


Na woduu Yerusalem no, asafo no ne asomafo ne mpanyimfo no gyee wɔn, na wɔkaa nea Onyankopɔn de wɔn ayɛ nyinaa kyerɛɛ wɔn.


Enti ɛyɛɛ asomafo ne mpanyimfo ne asafo mu no sɛ eye sɛ wɔpaw wɔn mu nnipa bi soma wɔn ka Paulo ne Barnaba ho kɔ Antiokia, wɔne Yuda a wɔfrɛ no Barsaba nso, ne Silas, anuanom no mu nnipa atitiriw,


Na Yuda ne Silas a wɔn nso yɛ adiyifo no de nsɛm pii tuu anuanom no fo, na wɔhyɛɛ wɔn den.


Na wɔn a wokogyaa Paulo no de no kɔɔ Atene. Na ɔkraa wɔn sɛ Silas ne Timoteo mmra ne nkyɛn ntɛmntɛm no, wosiim kɔe.


Na nea ɛyɛɛ wɔn yaw bebree, ne asɛm a ɔkae sɛ wɔrenhu n’anim bio no. Na wokogyaa no hyɛn no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios