Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 13:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na woduu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm Yudafo hyia adan mu; na Yohane nso ka wɔn ho sɛ ɔsomfo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na wɔduruu Salami no, wɔkaa Nyankopɔn asɛm Yudafoɔ hyia adan mu; na Yohane nso ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Woduu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm wɔ Yudafo hyiadan mu. Saa bere no na Yohane Marko ka wɔn ho sɛ ɔsomfo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na wɔduruu Salami no, wɔkaa Nyankopɔn asɛm Yudafoɔ hyia adan mu; na Yohane nso ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔduruu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Saa ɛberɛ no, na Yohane Marko ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na woduu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm Yudafo hyia adan mu; na Yohane nso ka wɔn ho sɛ ɔsomfo.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 13:5
20 Referencias Cruzadas  

Na wɔn de, wofii Perga no, wotwaam baa Antiokia a ɛwɔ Pisidia, na wɔkɔɔ hyiadan mu homeda kɔtenaa ase.


Na Paulo ne Barnaba de akokoduru kae sɛ: Ehia sɛ anka wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kan; na esiane sɛ musum kyene na mubu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdan kɔ amanaman no nkyɛn.


Na ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔde akokoduru kaa asɛm no, asram abiɛsa na ɔkasae, na ɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm.


Na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu ma Yudafo ne Helafo gye di.


Enti hyiadan mu ɔne Yudafo ne nyamesurofo no yɛ nhwehwɛ mu dennennen, na gua so nso daa ɔne wɔn a wɔbɛto no no dii anobaebae.


Na ɛbae sɛ Ikonium nso wɔn baanu no kɔɔ Yudafo hyiadan mu, na wɔkɔkaa asɛm maa Yudafo ne Helafo pii gye dii.


Na osusuw ho no, ɔbaa Yohane a wɔfrɛ no Marko ne na Maria fi; ɛhɔ na na nnipa bebree aboaboa wɔn ho ano rebɔ mpae.


Na ntɛm ara na ɔkaa Yesu ho asɛm hyia adan mu sɛ ɔne Nyankopɔn ba no.


Luka nko na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho bra, na oye ma me ɔsom mu.


Aristarko, me yɔnko dommum, ne Barnaba wɔfase Marko a munyaa ne ho nkra no, (sɛ ɔba mo nkyɛn a, munnye no fɛw so).


Na Barnaba kae sɛ wɔbɛfa Yohane a wɔfrɛ no Marko aka wɔn ho.


Na Barnaba ne Saulo wiee wɔn som no, wofii Yerusalem, na wɔfaa Yohane a wɔfrɛ no Marko nso kaa wɔn ho.


Na ɔsan fii n’akyi kɔfaa anantwi mpamho no kunkum wɔn, na ɔde anantwi no adwumayɛ nnua no noaa nam no, na ɔde maa nkurɔfo no, na wodii; na ɔsɔre dii Elia akyi, na ɔsom no.


Na ɛnte saa mo mu, na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo,


Na Yehosafat se: So AWURADE diyifo bi nni ha a yɛbɛkɔ ne nkyɛn akobisa AWURADE? Na Israel hene nkoa mu biako buae sɛ: Ɛha na Safat ba Elisa a ohwiee nsu guu Elia nsa so no wɔ.


Na ohuu saa no, ne nkwa nti ɔsɔre kɔe na okoduu Beer-seba a ɛyɛ Yuda de no, na ogyaw n’abofra no wɔ hɔ.


Na Mose sɔree, ɔne n'abofra Yosua, na Mose foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔw no so.


Na ɔmaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo ne Erasto, kɔɔ Makedonia, na ɔno ankasa de, ɔkyɛe Asia kakra.


Na kurow no ani danee, na wɔbɔɔ twi de mmirika kɔɔ ahwɛe kɔkyeree Makedoniafo Gaio ne Aristarko a wɔne Paulo nam no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios