Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 13:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kae sɛ: Munyi Barnaba ne Saulo mma me nkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kaa sɛ: Monyi Barnaba ne Saulo mma me na wɔnkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Bere a wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munyi Barnaba ne Saulo na wonkodi dwuma a ɛno nti mafrɛ wɔn no mma me.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kaa sɛ: Monyi Barnaba ne Saulo mma me na wɔnkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛberɛ a wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyi Barnaba ne Saulo na wɔnkɔdi dwuma a ɛno enti mafrɛ wɔn no mma me.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kae sɛ: Munyi Barnaba ne Saulo mma me nkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 13:2
41 Referencias Cruzadas  

Na ɔyeyɛɛ Lewifo no mu bi asomfo, AWURADE adaka no anim, sɛ wɔnkamfo AWURADE Israel Nyankopɔn nna no ase nyi no ayɛ.


Na mede m’anim mekyerɛɛ Awurade Nyankopɔn, sɛ mede mmuada ne atweaatam ne nso merepɛ mpaebɔ ne nkotɔsrɛ.


(Nanso saa ade yi ban de, entumi ntu, gye sɛ ɛnam mpaebɔ ne mmuada so.)


Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfo no. Na wonyinnyan wɔn anim sɛnea nnipa behu sɛ wɔredi mmuada. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!


Eyinom akyi no, Awurade yii nnipa aduɔsɔn bio,


Na ɔyɛ okunafo a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia aduɔwɔtwe anan, na ɔmpa asɔrefi hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Nyankopɔn adesae ne adekyee.


Na Petro redwen anisoade no ho no, Honhom no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, nnipa baasa hwehwɛ wo;


Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu ara, na merebɔ nnɔn abiɛsa mu mpae wɔ me fi; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn begyinaa m’anim,


Ɛnna wodii mmuada na wɔbɔɔ mpae na wɔde wɔn nsa guu wɔn so no, wogyaa wɔn kwan.


Na afei Honhom Kronkron somaa wɔn saa no, wosiim kɔɔ Seleukia, na wofi hɔ nam suhyɛn mu kɔɔ Kipro.


Na wofi hɔ faa nsu ani baa Antiokia, nea wɔde wɔn hyɛɛ Onyankopɔn dom nsa maa adwuma a wɔakowie no.


Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa mogya anya wɔn no yiye.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ, na mɛsoma wo mafi ha akɔ akyirikyiri, amanaman mu.


Na Yosef a asomafo no too no Barnaba (a ne nkyerɛase ne afotu ba) a ɔyɛ Lewini, a ofi Kipro man mu no


na yɛn de, yɛbɛkɔ so ara akura mpaebɔ ne anyamesɛm no som mu.


Na Honhom no ka kyerɛɛ Filipo sɛ: Twiw kɔ teaseɛnam yi ho!


Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Anania sɛ: Kɔ ara, na oyi ne nea a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahene ne Israel mma anim.


Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafo na wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn asɛmpa


Nanso sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ asɛm no ho dawuru? Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Sɛnea nnepa ho asɛmpakafo no anan yɛ fɛ fa!


sɛ menyɛ Yesu Kristo somfo amanaman no mu, menkɔyɛ Onyankopɔn asɛmpa no ho asɔfodwuma, na amanaman mufo nyɛ afɔre a ɛyɛ dɛ a wɔatew ho Honhom Kronkron mu.


Na eyi nyinaa, Honhom koro no ara na ɔyɛ, na ɔkyekyɛ ma wɔn mmiako mmiako sɛnea ɔpɛ.


Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtena hɔ bere kakra, na moatu mo ho asi hɔ ama mpaebɔ, na afei moasan ahyiam bio, na ɔbonsam amfa mo honam mmerɛw so ansɔ mo anhwɛ.


adwuma ne ɔbrɛ mu, apɛsi pii mu, ɔkɔm ne sukɔm mu, mmuada pii mu, awɔw ne adagyaw mu.


ɔhwe mu, afiaseda mu, mansotwe mu, adwuma den mu, apɛsi mu, mmuada mu;


Na ɛsɔɔ nea oyii me fii me na yam, na ɔnam n'adom so afrɛ me no ani


Ɛno ho na wɔayɛ me somfo, sɛnea Onyankopɔn adom akyɛde a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no so, te no.


Saa bere no na AWURADE yii Lewifo abusuakuw sɛ wɔnsoa AWURADE apam adaka no, na wonnyina AWURADE anim nsom no, na wɔmfa ne din nhyira, de abedu nnɛ da yi.


Na monka nkyerɛ Arkipo sɛ: Hwɛ ɔsom a woanya no Awurade mu no so na woawie no pɛpɛɛpɛ.


Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafo ne somafo (meka nokware, minni atoro), amanaman kyerɛkyerɛfo, gyidi ne nokware mu.


Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafo ne ɔsomafo ne ɔkyerɛkyerɛfo.


Na nea wote fii m’anom, adansefo bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafo a wobetumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa.


Luka nko na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho bra, na oye ma me ɔsom mu.


Na wo de, ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, mia w’ani hu amane, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.


Na obi mfa saa nidi no mma ne ho, gye sɛ nea Onyankopɔn afrɛ no te sɛ Aaron no.


Na Elkana kɔɔ ne fi Rama; na abofra no som AWURADE, ɔsɔfo Eli anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios