Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 13:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifo ne akyerɛkyerɛfo bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetew no ne ɔmansinhene Herode bom, ne Saulo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Adiyifo ne akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ Antiokia asafo no mu bi ne Barnaba ne Simeon, a na wɔfrɛ no “Onipa Tuntum,” Lukio a ɔyɛ Kireneni, Manaen, a ɔne Ɔhene Herode yɛ tipɛn, ne Saulo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ a na wɔwɔ Antiokia asafo no mu bi ne Barnaba ne Simeon, a na wɔfrɛ no “Onipa Tuntum,” Lukio a ɔyɛ Kireneni, Manaen, a ɔne Ɔhene Herode yɛ atipɛnfoɔ, ne Saulo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifo ne akyerɛkyerɛfo bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetew no ne ɔmansinhene Herode bom, ne Saulo.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 13:1
34 Referencias Cruzadas  

Na Yosef a asomafo no too no Barnaba (a ne nkyerɛase ne afotu ba) a ɔyɛ Lewini, a ofi Kipro man mu no


Na Paulo ne Barnaba ne nnipa pii a wɔka wɔn ho nso tenaa Antiokia kyerɛkyerɛe, na wɔkaa Awurade asɛmpa no.


Na wohuu adom a wɔde ama me no, Yakob ne Kefa ne Yohane a wobu wɔn sɛ adum no teɛɛ ayɔnkofa nsa nifa maa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufo mu, na wɔn de, wɔnka no twetiatwafo mu,


Na Saulo a wɔfrɛ no Paulo nso a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no hwɛɛ no dinn


Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo,


Na Yuda ne Silas a wɔn nso yɛ adiyifo no de nsɛm pii tuu anuanom no fo, na wɔhyɛɛ wɔn den.


Na Kaesare Tiberio ahenni afe a ɛto so dunum mu no, na Pontio Pilato di Yudea amrado, na Herode di Galilea mansinhene, na ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti asase so, Lisania di Abilene mansinhene,


Ahotefo no nyinaa kyiakyia mo, ne titiriw no wɔn a wofi Kaesare fi.


Na Yudafo a aka no ne no diinkɔnkɔnsa bi maa wɔn nkɔnkɔnsa no twee Barnaba nso kɔe bi.


Anaasɛ me ne Barnaba nko ara na yenni ho kwan sɛ yegyae adwumayɛ?


Me yɔnko dwumayɛfo Timoteo ne m’abusuafo Lukio ne Yasɔn ne Sosipatro kyia mo.


Na ɔwɔ mma, mmaabun baanan, a wɔhyɛ nkɔm.


Na Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so, na wɔde tɛkrɛma horow kasae, na wɔhyɛɛ nkɔm.


Wɔyɛɛ sa, na wɔde somaa Barnaba ne Saulo ma wɔde kɔmaa mpanyimfo no.


Na Barnaba ne Saulo wiee wɔn som no, wofii Yerusalem, na wɔfaa Yohane a wɔfrɛ no Marko nso kaa wɔn ho.


Na Saulo a ɔda so home ahunahuna ne okum home gu Awurade asuafo so no, kɔɔ ɔsɔfo panyin nkyɛn


Na wɔrefi adi no, wohuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon; ɔno na wɔhyɛɛ no maa ɔsoaa n’asɛnnua no.


Ɔbarima biara a ɔrebɔ mpae anaasɛ ɔrehyɛ nkɔm na wakata ne ti so no, onni ne ti ni.


Na sɛ mewɔ adiyi asɛnka, na minim ahintasɛm nyinaa, ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidi nyinaa ma mitutu mmepɔw mpo, na minni dɔ a, mensɛ hwee.


Ɔdɔ to ntwa da. Nkɔmhyɛ de, wobegu; ɔkasa horow de, ebegyae; nimdeɛ de, ɛbɛsa.


Adiyifo no de, baanu anaa baasa nkasa, na wɔn a aka no mmu ho atɛn.


Na adiyifo ahonhom no hyɛ adiyifo no ase;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios