Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 12:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Saa bere yi ara na ɔhene Herode teɛɛ ne nsa yɛɛ asafo no mu nnipa bi ayayade.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Saa berɛ yi ara na Ɔhene Herode tenee ne nsa yɛɛ asafo no mu nnipa bi ayayadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa bere yi mu ara na Ɔhene Herode kyekyeree asafomma no bi fii ase yɛɛ wɔn ayayade.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Saa berɛ yi ara na Ɔhene Herode tenee ne nsa yɛɛ asafo no mu nnipa bi ayayadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Saa ɛberɛ yi mu ara na Ɔhene Herode kyekyeree asafomma no bi hyɛɛ aseɛ yɛɛ wɔn ayayadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Saa bere yi ara na ɔhene Herode teɛɛ ne nsa yɛɛ asafo no mu nnipa bi ayayade.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 12:1
13 Referencias Cruzadas  

Ɛnna wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.


Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wobedi mo de so bi.


Me ne mo wɔ asɔrefi hɔ daa no, moankyere me; na eyi ne mo bere ne sum tumi.


Wobetu mo afi hyiadan mu; mpo ɛbere reba a obiara a obekum mo besusuw sɛ ɔde resom Nyankopɔn.


bere a woteɛ wo nsa sa wɔn yare na wɔnam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi.


Ɛnna asafo no nyaa asomdwoe Yudea, Galilea ne Samaria nyinaa, na wonyin kɔɔ so; na wɔnam Awurade suro ne Honhom Kronkron awerɛkyekye mu dɔe.


Na bɔne ahempoma rentena treneefo asase so, na treneefo anteɛ wɔn nsa anso amumɔyɛ mu.


Ɛbere no mu no, ɔmansinhene Herode tee Yesu nka,


Na Herode aso Yohane mu akyere no de no akɔto afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti.


Na wodii Herode awoda no, Herodia babea bɛsawee wɔn anim na ɛyɛɛ Herode fɛ.


Wɔyɛɛ sa, na wɔde somaa Barnaba ne Saulo ma wɔde kɔmaa mpanyimfo no.


Ɔde nkrante kum Yohane ne nua Yakobo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios