Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 11:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Mewɔ Yopa kurow mu merebɔ mpae, na m'ani wiaa me ma mekɔɔ tebea foforo mu, na anisoadehu mu no, mihuu biribi a ɛresian sɛ nwera kɛse a wɔakyekyere no ahinanan, na wogyaa mu fi soro, na ɛbaa me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Mewɔ Yopa kuro mu merebɔ mpaeɛ, na m’ani wiaa me maa mekɔɔ tebea foforɔ mu, na anisoadehunu mu no, mehunuu biribi a ɛresiane sɛ nwera kɛseɛ a wɔakyekyere no ahinanan, na wɔgyaa mu firi soro, na ɛbaa me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 “Na merebɔ mpae wɔ Yopa na minyaa anisoadehu. Mihuu biribi a ɛte sɛ ntama kɛse a wɔakyekyere sɛ efi ɔsoro afanan resian ba fam wɔ faako a mewɔ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Mewɔ Yopa kuro mu merebɔ mpaeɛ, na m’ani wiaa me maa mekɔɔ tebea foforɔ mu, na anisoadehunu mu no, mehunuu biribi a ɛresiane sɛ nwera kɛseɛ a wɔakyekyere no ahinanan, na wɔgyaa mu firi soro, na ɛbaa me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 “Na merebɔ mpaeɛ wɔ Yopa na menyaa anisoadehunu. Mehunuu biribi a ɛte sɛ ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafannan sɛ ɛfiri ɔsoro resiane ba fam reba abɛsi me ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Mewɔ Yopa kurow mu merebɔ mpae, na m'ani wiaa me ma mekɔɔ tebea foforo mu, na anisoadehu mu no, mihuu biribi a ɛresian sɛ nwera kɛse a wɔakyekyere no ahinanan, na wogyaa mu fi soro, na ɛbaa me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 11:5
12 Referencias Cruzadas  

Na ɛbae sɛ mesan mebaa Yerusalem na merebɔ mpae asɔrefi no, m'ani wiaa me ma mekɔɔ tebea foforo mu,


Na osuani bi wɔ Damasko a ne din de Anania. Na Awurade ka kyerɛɛ no anisoadehu mu sɛ: Anania! Na ose: Hwɛ, mini, Awurade!


Na obisaa sɛ Amos, dɛn na wuhu yi? Na mise: Nnuaba a abere kɛntɛn. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Awiei no adu ama me man Israel, merenkɔ so mintwa wɔn ho bio.


Na mihui, na hwɛ, nsa ateɛ kyerɛ me, na hwɛ, nhoma mmobɔwee wɔ mu.


Nso na osuani bea bi wɔ Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛase ne Dorka, Ɔbea yi na nnwuma pa ne mmɔborohunu ade a ɔyɛe no ayɛ no ma.


Nso Lida bɛn Yopa nti, asuafo no tee sɛ Petro wɔ hɔ no, wɔsomaa nnipa baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnntwentwɛn ne nan ase, na ɔmmra wɔn nkyɛn.


Na wɔtee no Yopa nyinaa, na nnipa bebree gyee Awurade dii.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios