Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 10:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔhwɛɛ no dinn, na osuroe. Na ose: Ɛyɛ dɛn, Awura? Na osee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborohunu ade no aforo ɔsoro abɛyɛ nkae Onyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔhwɛɛ no dinn, na ɔsuroe. Na ɔse: Ɛyɛ deɛn, Awura? Na ɔsee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborɔhunu adeɛ no aforo soro abɛyɛ nkaeɛ adeɛ wɔ Onyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Kornelio de hu hwɛɛ no dinn. Obisae se, “Ɛyɛ dɛn Awurade?” Ɔbɔfo no buae se, “Wo mpae ne wʼadɔe a woyɛ ahiafo no adu Onyankopɔn anim sɛ nkae ade.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔhwɛɛ no dinn, na ɔsuroe. Na ɔse: Ɛyɛ deɛn, Awura? Na ɔsee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborɔhunu adeɛ no aforo soro abɛyɛ nkaeɛ adeɛ wɔ Onyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Kornelio de hu hwɛɛ no dinn. Ɔbisaa sɛ, “Ɛyɛ ɛdeɛn Awurade?” Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Wo mpaeɛ ne wʼadɔeɛ a woyɛ ahiafoɔ no aduru Onyankopɔn anim sɛ nkaeɛ adeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔhwɛɛ no dinn, na osuroe. Na ose: Ɛyɛ dɛn, Awura? Na osee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborohunu ade no aforo ɔsoro abɛyɛ nkae Onyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 10:4
24 Referencias Cruzadas  

Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom;


Efisɛ Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ, a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.


Ɛnna wɔn a wosuro AWURADE no kasakasae wɔn mu, na AWURADE yɛɛ aso na ɔtee, na wɔkyerɛw n’anim nkae nhoma maa wɔn a wosuro Awurade na wobu ne din no.


na ose: Kornelio, wɔatie wo mpaebɔ, na wɔakae wo mmɔborohunu ade no Onyankopɔn anim.


Na nnuhuam no wusiw kaa ahotefo mpaebɔ ho fi ɔbɔfo no nsam foro kɔɔ Onyankopɔn anim.


Ma me mpaebɔ mmesi w’anim sɛ ohuam, me nsa soma sɛ anwummere ayɛyɛde.


Na manya ade nyinaa ama aboro so. Na efii sɛ me nsa kaa nea mode menaa Epafrodito no, mayɛ ma, ɛyɛ ohua a ɛyɛ dɛ, ɛyɛ afɔrebɔ a wogye a ɛsɔ Onyankopɔn ani.


Na yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani.


Na ne koma tui n’asɛm no ho, na ɔdwenee ho sɛ: Nkyia bɛn ni?


Nokware mise mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, wɔbɛka nea ɔbea yi yɛe nso de ayɛ no nkae.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Daniel, ɔdɔfo, tie nsɛm a merebɛka makyerɛ wo, na gyina wo nan so, efisɛ wɔasoma me wo nkyɛn. Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede ahopopo migyinae.


Bɔ me sobo ɛ, na yemmeyiyi ntɛn; wo de, ka w'asɛm, na woadi bem.


Ɛbere no mu no, Hesekia yaree owuyare; na ɔbɔɔ AWURADE mpae, na obuaa no na ɔmaa no sɛnkyerɛnne bi.


ɛnne wo ara tie ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ sɛ ɔhɔho no su frɛ wo no nyinaa, nea ɛbɛyɛ na asase so amanaman nyinaa ahu wo din, na wɔasuro wo sɛ wo man Israel, na wɔahu sɛ wo din na wɔde frɛ ofi a masi yi.


Na AWURADE bae begyinaa hɔ frɛɛ sɛ kan no sɛ: Samuel, Samuel! Ɛnna Samuel se: Kasa, na w’akoa retie.


Na mekae sɛ: Dɛn na menyɛ, Awurade? Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Damasko, na ɛhɔ na wɔbɛka wo ade a wɔahyɛ sɛ yɛ nyinaa ho asɛm.


Na ehu kaa wɔn ma wosisii wɔn ti ase, na mmarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na mohwehwɛ ɔteasefo no awufo mu yi?


Ɛnyɛ ahintawee mu na mekasae, ɛnyɛ sum asase so baabi; manka mankyerɛ Yakob asefo sɛ: Monhwehwɛ me kwa! Mene AWURADE a mekasa nokware mu, meka nea ɛteɛ.


Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma no, asɔfo no, na ɔsɔfo no mfa asikresam ne ngo no nsa mama, ne ohuamfufu no nyinaa, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so sɛ nkae ade. Ɛyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.


Ɔnkae w’aduan afɔre nyinaa, na wo hyew afɔre nsɔ n’ani. Sela


Na Petro ne Yohane de wɔn ani hwɛɛ no dinn kae sɛ: Hwɛ yɛn!


Paulo rekasa, na otie; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hui sɛ ɔwɔ gyidi sɛ obedi mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios