Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 1:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na ɔkaa eyinom wiei na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na omununkum gyee no fii wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na ɔkaa yeinom wieeɛ na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na mununkum gyee no firii wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔkasa wiee no asuafo no huu no sɛ ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhu no bio.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɔkaa yeinom wieeɛ na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na mununkum gyee no firii wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔkasa wieeɛ no, asuafoɔ no hunuu no sɛ ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhunu no bio.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na ɔkaa eyinom wiei na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na omununkum gyee no fii wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 1:9
17 Referencias Cruzadas  

Woaforo kɔ ɔsoro, woafa nnommum nnommum, woagye nnipa mu ayɛyɛde, mansotwefo mu mpo, na AWURADE Onyankopɔn atena hɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, me de, mereba wo nkyɛn omununkum tumm mu, na sɛ me ne wo kasa a, ɔman no ate, na wo nso wɔagye wo adi akosi daa. Na Mose kaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE.


Na AWURADE nam omununkum mu sianee, na ɔne no begyinaa hɔ, na ɔpaee n'ankasa ne din YHWH (AWURADE) din.


Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum harehare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuw ho bɛpopo n’anim, na Misraim koma anan wɔ ne mu.


Mede hwɛ, anadwo adehu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro amununkum mu reba, na oduu nea ne nna akyɛ no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim.


Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasae akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nifa.


Ɛnna wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam kɛse reba omununkum mu.


Na afei, sɛ muhu Onipa Ba no sɛ ɔrekɔ ɔsoro, faako a ɔwɔ kan no nso ɛ?


na wɔkaa nso sɛ: Galilea mmarima, adɛn na mugyina ha rehwɛ ɔsoro yi? Yesu yi ara a wɔafa no mo nkyɛn kɔ ɔsoro yi, ɔbɛba saa ara, sɛnea muhu no sɛ ɔrekɔ ɔsoro yi.


de besii da a ɔnam Honhom Kronkron so maa asomafo a ɔpaw wɔn no ahyɛde, na wɔfaa no kɔɔ soro no ho no.


ansa na wɔaba abɛfa yɛn a yɛtete ase na yɛaka yi ne wɔn nyinaa amununkum mu sɛ yenkohyia Awurade ewim, na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.


Na ade a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahintasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu, wobuu no bem honhom mu, oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wogyee no dii ewiase, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.


Hwɛ, ɔnam amununkum mu reba, na aniwa nyinaa behu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no peaw no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho abubuw. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.


Na wɔtee nne kɛse bi fi soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momforo mmra ha! Na wɔforo faa omununkum no mu, na wɔn atamfo no huu wɔn.


Eyinom ne wɔn a wɔamfa mmea angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabun, wɔn na wodi Oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ. Eyinom na wɔagye wɔn nkwa afi nnipa mu ayɛ wɔn aba a edi kan ama Onyankopɔn ne Oguammaa no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios