Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 1:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na obuaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo asɛm sɛ mubehu bere anaa nna a Agya no ahyɛ ato hɔ n’ankasa ne tumi mu,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na ɔbuaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo asɛm, sɛ mobɛhunu berɛ anaa nna a Agya no ahyɛ ato hɔ ɔno ara ne tumi mu,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yesu buaa wɔn se, “Ɛho nhia sɛ mubehu bere a Agya no nam ne tumi so ahyehyɛ ato hɔ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔbuaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo asɛm, sɛ mobɛhunu berɛ anaa nna a Agya no ahyɛ ato hɔ ɔno ara ne tumi mu,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛho nhia sɛ mobɛhunu ɛberɛ a Agya no nam ne tumi so ahyehyɛ ato hɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na obuaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo asɛm sɛ mubehu bere anaa nna a Agya no ahyɛ ato hɔ n’ankasa ne tumi mu,

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 1:7
13 Referencias Cruzadas  

Adɛn nti na Otumfo nhyɛ bere ntua abɔnefo ka, na wɔn a wonim no no nhu ne bere no?


ɔno na ɔsakra bere ne nna; otu ahene so, na ɔma ahene so; ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wonni nhumu nimdeɛ;


Na osee wɔn sɛ: Me kuruwa de, mobɛnom; (na m'asubɔ nso mubenya) na me nifa ne me benkum tena de, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a m’agya asiesie ama wɔn.


Na da no ne dɔn ko no de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko ara.


na me nifa ne me benkum tena de, ɛnyɛ me de sɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a wɔasiesie ama wɔn.


Na da no ne dɔn no de, obi nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro nso nnim, Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko.


Na wɔbɛtotɔ nkrante ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman no bere bewie du.


na ɔmaa nnipa wɔ aman nyinaa mu fi onipa biako mu tenaa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmere horow ne wɔn tenabea hye ato hɔ ama wɔn


Ɔde kyerɛɛ sɛ bere awie du sɛ wɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu, mekyerɛ nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so nyinaa.


Nneɛma a ahintaw yɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn dea, na nea wɔayi adi no yɛ yɛn ne yɛn mma dea kosi daa, sɛ yenni mmara yi mu nsɛm nyinaa so.


Ɛno na nea ɔbɛkyerɛ bere a ɛsɛ mu ne ahotɔ tumfo koro no, ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade,


Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios