Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 1:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Ɛnna wohyiae no, wobisaa no sɛ: Awurade, bere yi mu na wobɛsan de ahenni no ama Israel anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Ɛnna wɔhyiaeɛ no, wɔbisaa no sɛ: Awurade, berɛ yi mu na wobɛsane de ahennie no ama Israel anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Asuafo no nyinaa ne Yesu hyiaa mu no, wobisaa no se, “Awurade, bere yi mu na wode ahenni no bɛba Israel ana?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛnna wɔhyiaeɛ no, wɔbisaa no sɛ: Awurade, berɛ yi mu na wobɛsane de ahennie no ama Israel anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Asuafoɔ no nyinaa ne Yesu hyiaa mu no, wɔbisaa no sɛ, “Awurade, berɛ yi mu na wode ahennie no bɛba Israel anaa?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Ɛnna wohyiae no, wobisaa no sɛ: Awurade, bere yi mu na wobɛsan de ahenni no ama Israel anaa?

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 1:6
23 Referencias Cruzadas  

Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n'anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.


Na mɛdan w’atemmufo mama wo sɛ kan no, ne w’afotufo sɛ mfiase no; ɛno ansa na wɔbɛfrɛ wo: Trenee man, nokware kurow.


ɛno ansa na mɛpa Yakob asefo ne m’akoa Dawid nso, na mamfa n’asefo mu nnipa a wobedi Abraham ne Isak ne Yakob asefo so; na mede wɔn nnommum mɛsan maba, na mahu wɔn mmɔbɔ.


na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahenni ne tumi ne kɛseyɛ bɛma ɔsorosoroni no akronkronfo man; n’ahenni yɛ daa ahenni, na tumi nyinaa bɛsom no atie no.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni.


Ɛda no, mɛma Dawid sese a ahwe ase no agyina, na mapompam wɔn mpaepae no, na magyina n’afasusin, na mato no sɛ tete nna no.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a woka mmusuakuw a wosua wɔ Yuda no ho, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo no; nea n’ase fi tete nteredee, fi tete nna no mu.


Di ahurusi pii, Sion babea! Huro, Yerusalem babea. Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye; odwo, na ɔte afurum so, afurumforo a ɔyɛ afurummere ba so.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Elia ba na wabɛsiesie nneɛma nyinaa de,


Na Yesu bisaa no sɛ: Dɛn na wopɛ? Osee no sɛ: Ka ma me mma baanu yi mu biako ntena wo nifa, na obiako nso ntena wo benkum w’ahenni no mu.


Na ɔte Ngo Bepɔw so no, asuafo no baa ne nkyɛn wɔ ɔfa baabi bɛkae sɛ: Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛyɛ hɔ, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?


Na osee wɔn sɛ: Elia aba ansa, na wabesiesie nneɛma nyinaa mmom de, na nea wɔakyerɛw onipa ba no ho sɛ obehu amane pii na wɔabu no animtiaa no ɛ?


Na Farisifo no bisaa no sɛ da bɛn na Onyankopɔn ahenni bɛba no, obuaa wɔn sɛ: Onyankopɔn ahenni mma sɛ ani tuae,


Na wɔretie eyinom no, ɔtoaa so buu bɛ bi, efisɛ na wabɛn Yerusalem, na nkurɔfokuw no susuwii sɛ Onyankopɔn ahenni rebeyi ne ho adi amonom hɔ ara. Enti Yesu kae sɛ:


Na me nso sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo,


Ɔno na Petro huu no no, osee Yesu sɛ: Awurade, na oyi ɛ?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios