Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 1:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Anuanom, etwa sɛ kyerɛw no a Honhom Kronkron nam Dawid anom nsɛm so kae kan no nya ba mu wɔ Yuda a ɔyɛɛ wɔn a wɔkyeree Yesu no kwankyerɛfo no ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Anuanom, ɛtwa sɛ twerɛ no a Honhom Kronkron nam Dawid anomu nsɛm so kaa no akane no nya ba mu wɔ Yuda a ɔyɛɛ wɔn a wɔkyeree Yesu no kwankyerɛfoɔ no ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Me nuanom, ɛsɛ sɛ nkɔm a Honhom Kronkron no nam Dawid so hyɛ faa Yuda ho sɛ ɛnam ne so na wɔbɛkyere Yesu no ba mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Anuanom, ɛtwa sɛ twerɛ no a Honhom Kronkron nam Dawid anomu nsɛm so kaa no akane no nya ba mu wɔ Yuda a ɔyɛɛ wɔn a wɔkyeree Yesu no kwankyerɛfoɔ no ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Me nuanom, ɛsɛ sɛ nkɔm a Honhom Kronkron no nam Dawid so hyɛ faa Yuda ho sɛ ɛnam ne so na wɔbɛkyere Yesu no ba mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Anuanom, etwa sɛ kyerɛw no a Honhom Kronkron nam Dawid anom nsɛm so kae kan no nya ba mu wɔ Yuda a ɔyɛɛ wɔn a wɔkyeree Yesu no kwankyerɛfo no ho.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 1:16
38 Referencias Cruzadas  

AWURADE honhom nam me so kasa, na n’asɛm wɔ me tɛkrɛma so.


Ɛno ne AWURADE asɛm no a ɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: W’awo ntoatoaso a ɛto so anan mu mma bɛtena Israel agua so. Na ɛbae sa.


M’adamfo pa po a mede me ho metoo no so a odii m’aduan bi no, wama ne nantin so atia me.


Ɛnna dumien no mu biako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfo mpanyimfo no nkyɛn


Na ogu so kasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dumien no mu biako bae, na nkurɔfokuw bebree a wokurakura nkrante ne mmaa fi asɔfo mpanyin ne ɔman no mpanyimfo nkyɛn ka ne ho.


Na ɛnne ɛbɛyɛ dɛn na kyerɛw nsɛm no bɛba mu sɛ etwa sɛ ɛyɛ saa?


Na eyi nyinaa aba na nea adiyifo no kae kyerɛw nsɛm mu no aba mu. Ɛnna asuafo no nyinaa gyaw no guanee.


Na Dawid no ara nam Honhom Kronkron mu kae sɛ: Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ntiaso.


Na amonom hɔ ara, ogu so rekasa no, Yuda, dumien no mu biako, bae, na nkurɔfokuw bebree a wokurakura nkrante ne mmaa fi asɔfo mpanyimfo ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no nkyɛn ka ne ho.


Na ogu so kasa no, hwɛ, nnipakuw bi bae a dumien no mu biako a wɔfrɛ no Yuda di wɔn anim. Na otwiw bɛn Yesu befew n’ano.


Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no anyame na wontumi nsan kyerɛw no a,


Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me de, minim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu sɛ: Nea odi m’abodoo no na wama ne nantin so atia me.


Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn misiee wo din mu; wɔn a wode wɔn ama me no, mawɛn wɔn, na wɔn mu bi anyera, gye ɔyera ba no, na kyerɛwsɛm no aba mu.


Na wɔyɛɛ eyinom na kyerɛwsɛm a ese: Wommmu ne dompe bi, no aba mu.


Na wɔakyerɛw nnwom nhoma mu sɛ: Ne tenabere nyɛ amamfo, na obiara nntena mu! Ne hwɛ adwuma no, ɔfoforo mfa!


Na wowiee mmara ne adiyifo no kenkan no, hyiadan no mu mpanyimfo soma baa wɔn nkyɛn sɛ: Anuanom, sɛ mowɔ afotusɛm bi a mobɛka akyerɛ ɔman no a, monka!


Enti, anuanom, munhu sɛ ɛnam oyi so na wɔka bɔnefakyɛ kyerɛ mo;


Na wɔn ano sii no, Yakob buae sɛ: Anuanom, muntie me!


Na wogyee ho akyinnye pii no, Petro sɔre ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, mo ara munim sɛ mfiase no ara na Onyankopɔn paw me yɛn mu sɛ me na amanaman no mfa m’anom asɛm so nte asɛmpa no na wonnye nni.


ɔno ara na wɔnam Onyankopɔn agyina a otui, ne ne nim a onim dedaw so yii no mae no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa so bɔɔ no asɛnnua mu kum no.


Na wɔtee no, ɛwowɔɔ wɔn komam, na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafo a aka no sɛ: Anuanom, yɛnyɛ dɛn?


Anuanom ne agyanom, muntie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi!


Na Paulo gyen n’ani hwɛɛ baguafo no kae sɛ: Anuanom, me de, ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn mede mabesi nnɛ yi.


Na Paulo hui sɛ ɔfa yɛ Sadukifo, na ɔfa nso yɛ Farisifo no, ɔteɛɛm gua mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifo ba; awufo sɔre ne ɛho anidaso nti na wɔrebu me ntɛn yi.


Na ɛbae sɛ nnansa akyi no, Paulo frɛfrɛɛ Yudafo atitiriw no hyiae; na wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, menyɛɛ biribi mintiaa ɔman anaa yɛn agyanom amanne de, nanso wɔkyeree me Yerusalem de me hyɛɛ Romafo nsa.


Na wɔn ano ankɔ bɛnkoro mu nti, wɔkɔe, bere a Paulo kaa asɛm biako sɛ: Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam odiyifo Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom


Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Anuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham bere a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran,


Wɔhwehwɛɛ bere ko ne bere horow a Kristo honhom a ɛwɔ wɔn mu dii kan daa no adi faa n’amanehunu ne akyiri animuonyam a ɛbɛba no ho.


efisɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na mmom Onyankopɔn nnipa kronkron so, sɛnea Honhom Kronkron de wɔn rekɔ no, na wɔkasae.


Na anka eye ma wɔn sɛ wɔanhu trenee kwan no, kyɛn sɛ wɔahu na wɔadan afi ahyɛde kronkron a wɔde ahyɛ wɔn no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios