Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 1:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na woduu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na Petro ne Yohane ne Yakobo, Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakob ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda te.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda teɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Woduu hɔ no, wɔkɔɔ ɔdan bi a na ɛwɔ aban a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no ne: Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea; Filipo, Toma, Bartolomeo, Mateo, Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda teɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ ɛdan bi a na ɛwɔ aborɔsan a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no ne: Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea; Filipo, Toma, Bartolomeo, Mateo, Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na woduu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na Petro ne Yohane ne Yakobo, Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakob ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda te.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 1:13
45 Referencias Cruzadas  

Na akanea bebree wɔ abansoro no so faako a yɛahyiam hɔ.


Na ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛse bi a wɔahyehyɛ mu; ɛhɔ na munkosiesie!


Na ɔno ara bɛkyerɛ mo abansoro asa kɛse bi a wɔahyehyɛ mu, na wɔasiesie mu; ɛhɔ na munsiesie Twam no mma yɛn!


Na ɔretwam no, ohuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atowgyei, na Yesu see no sɛ: Di m’akyi! Na ɔsɔre dii n’akyi.


Yakobo, Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyerɛw kɔma mmusuakuw dumien a wɔahwete no sɛ: Anigye nka mo.


Na ɔde ne nsa nyamaa wɔn sɛ wommua wɔn ano, na ɔkae sɛnea Awurade yii no fii afiase hɔ no kyerɛɛ wɔn. Na ose: Monkɔka nsɛm yi nkyerɛ Yakob ne anuanom no. Na ofii hɔ kɔɔ baabi foforo.


Na Petro see wɔn sɛ: Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu mma mo bɔne fakyɛ, na mubenya Honhom Kronkron akyɛde no.


Yuda, Yesu Kristo akoa, Yakob nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Onyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no:


Na wohuu adom a wɔde ama me no, Yakob ne Kefa ne Yohane a wobu wɔn sɛ adum no teɛɛ ayɔnkofa nsa nifa maa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufo mu, na wɔn de, wɔnka no twetiatwafo mu,


na asomafo a ɛkeka ho no de, manhu wɔn mu biara, gye Awurade nua Yakobo.


Na wɔn ano sii no, Yakob buae sɛ: Anuanom, muntie me!


Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: So ɛteɛ Onyankopɔn anim sɛ yetie mo sen Nyankopɔn a, mummu ntɛn!


Na wohuu Petro ne Yohane akokoduru, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wohuu wɔn sɛ wɔne Yesu na ɛnantewee.


Na Petro ne dubiako no sɔre gyinae, na ɔmaa ne nne so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yuda mmarima ne mo a mote Yerusalem nyinaa, munhu eyi, na momma me nsɛm yi nkɔ mo asom!


Simon Petro ne Toma a wɔfrɛ no Ata ne Natanael a ofi Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne n’asuafo no mu baanu nso wɔ hɔ.


Ɛnna abaawa a ɔhwɛ ɔpon ano no see Petro sɛ: Wo nso wumfi onipa yi asuafo mu bi anaa? Ose: Dabi.


Ɛnna Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfo asuafo no sɛ: Yɛn nso, momma yɛnkɔ na yɛne no nkowu!


Na ɔfaa Petro ne Yakob ne Yohane kaa ne ho, na ne ho fii ase hiahiaa no, na ne ho yeraw no.


Na ɛno akyi nnansia no Yesu faa Petro ne Yakob ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so fa baabi. Na ɔsakrae wɔn anim,


Na wamma obiara anni n’akyi sɛ Petro ne Yakobo, ne Yakob ne nua Yohane.


Na Yesu fi hɔ retwam no, ohuu onipa bi a ɔte atowgyei a wɔfrɛ no Mateo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi. Na ɔsɔre dii n’akyi.


Me, ɔpanyin no, kyerɛw kɔma Awuraa a wɔayi no, ne ne mma a medɔ wɔn nokware mu, na ɛnyɛ me nko ara, na wɔn a wɔahu nokware no nyinaa,


Ɛno akyi ɔmaa Yakob huu no ansa na asomafo no nyinaa rehu no.


Yuda (ɛnyɛ Iskariot no) see no sɛ: Awurade, ɛyɛɛ dɛn na worebeyi wo ho akyerɛ yɛn, na ɛnyɛ wiase?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios