Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Amos 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na mɛto Hasael fi mu gya, na ahyew Ben-hadad aban dennen no;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na mɛto Hasael fie mu gya, na ahye Ben-hadad aban denden no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mede ogya bɛto Hasael fi na ahyew Ben-Hadad aban no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na mɛto Hasael fie mu gya, na ahye Ben-hadad aban denden no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Mede ogya bɛto Hasael efie na ahye Ben-Hadad aban no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na mɛto Hasael fi mu gya, na ahyew Ben-hadad aban dennen no;

Ver Capítulo Copiar




Amos 1:4
20 Referencias Cruzadas  

Na mɛsɔ Damasko fasu mu gya, na ahyew Ben-hadad aban afɛfɛ no.


Nanso sɛ moantie me anni homeda no kronkron na mosoa adesoa bi fa Yerusalem apon mu homeda a, ɛnne mɛsɔ n’apon mu gya, na ahyew Yerusalem aban afɛfɛ no, na wɔrennum.


Na Yoahas ba Yoas san kogyee Hasael ba Ben-hadad nsam nkurow a ɔde ɔko begyee n’agya Yoahas nsam no. Mpɛn abiɛsa na Yoas bɔɔ no, na ɔdan Israel nkurow no mae.


Na AWURADE bo fuw hyɛɛ Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ Siria hene Hasael nsa, ne Hasael ba Ben-hadad nsa nna nyinaa.


Na ɛno akyi no, Siria hene Ben-hadad boaa ne dɔm nyinaa ano hyiae, na ɔforo ba betuaa Samaria.


Na mɛto Yuda mu gya, na ahyew Yerusalem aban dennen no.


Na mɛto Moab mu gya, na ahyew Keriot aban dennen no, na Moab bewu hooyɛ mu, osebɔ ne torobɛnto nnyigyei mu.


na mɛsɔ Raba fasu mu gya, na ahyew n’aban dennen no, ɔko da no bɛyɛ gyegyeegye, na ɛbɛyɛ den sɛ, ahumtu da ne kirididibɔ.


Na mɛto Teman mu gya, na ahyew Bosra aban dennen no.


Na mɛto Tiro fasu mu gya, na ahyew n’aban dennen no.


Na mɛto Gasa fasu mu gya, na ahyew n’aban dennen no;


Na Israel werɛ afi ne yɛfo, na wɔasisi aban afɛfɛ, na Yuda ama nkurow a ɛyɛ den adɔ; nanso mɛto ne kurow mu gya, na ahyew n’aban a ɛkorɔn no.


Na mɛsoma ogya akɔ Magog ne wɔn a wɔtete nsupɔw so dwoodwoo no mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE.


na wɔahu sɛ mene AWURADE, bere a meresɔ ogya Misraim na wɔasɛe n’aboafo nyinaa no.


Ɛnna Asa yii dwetɛ ne sika fii AWURADE fi ne ɔhene fi akorade mu soma kɔmaa Siria hene Ben-hadad a ɔwɔ Damasko no sɛ:


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, san si wo kwan so kɔ Damasko sare so; na sɛ wudu a, sra Hasael ngo si no Siria so hene;


Na Sekem mmarima no bɔne nyinaa nso, Onyankopɔn ma ebuaa wɔn atifi, na Yerubaal ba Yotam nnome no baa wɔn so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios